1Eyi akyi no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda.
2Na ɔkae sɛ:
3 Yer 20.14-18 Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera,
ne anadwo a ese:
Wɔanyinsɛn ɔbabanin no.
4Ɛda no nnuru sum,
mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan,
na ɔharan bi nnhyerɛn so.
5Esum ne sunsuma nnye no,
omununkum ntena so,
nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu.
6Anadwo no, esum kabii nkita no,
wɔmmma ennnya anigye bi, afe nna no mu,
wɔmmma ɛmmma asram dodow no mu.
7Hwɛ, anadwo no nyɛ kwayow,
ahurusi dwom bi mmma mu.
8Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua,
wɔn a wotumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.
9N’ahemadakye nsoromma beduru sum,
ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma,
na ɛrenhu adekyee anisuatɛtɛw.
10Efisɛ anto m’awo apon mu,
na anyi ɔhaw anhintaw m’ani.
11Ɛdɛn nti na manwu ɔyafunu mu,
na mannyaa mu, awoee?
12Ɛdɛn nti na anankoroma sɔw me,
na ɛdɛn nti na metoo nufu minumii?
13Anka sesɛɛ meda hɔ mayɛ komm,
anka mada, ɛno de anka manya ahomeye,
14me ne ahene ne asase so aguasemfo
a wɔkyekyee amamfo fae no,
15anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika,
wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afi amaama no.
16Anaasɛ minni hɔ sɛ ɔpɔn ba a wɔakora no,
anaa nkokoaa a wɔanhu hann da.
17Ɛhɔ na abɔnefo nhaw obi bio,
na abrɛfo gye wɔn ahome.
18Ɛhɔ ara na nneduafo te dwoodwoo,
wɔnte opiafo nne.
19Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛse wɔ,
na akoa afi ne wura nsa.
20Ɛdɛn nti na ɔma ɔbrɛfo hann,
na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahow,
21 Adi 9.6 wɔn a wɔtwɛn owu, na ɛmma,
na wɔbɔre hwehwɛ no sen akorade,
22wɔn a wɔn ani gye mmoroso,
na wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ anka wobenya ɔdamoa,
23 Hiob 19.8 ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahintaw,
na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia?
24Na m’apinisi abesi m’aduan ananmu,
na me su gu sɛ nsu.
25Na nea misuro no, ɛno ara na ɛto me,
na nea me bo tutu ho no, ɛba me so.
26Minnya ahodwo ne kommyɛ ne ɔhome,
na ahoguan ara na ɛba.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
