Romafo 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yɛne ɔman ntam asɛm

1 Tito 3.1; Yoh 19.11; Mmb 8.15 Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanyimfo tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.

2Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi; na wɔn a wodi asi no benya afobu.

31 Pe 2.13-14 Na wɔn a edi mpanyin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wusuro tumi no anaa? Ɛnne yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi!

4Nnw 82.6 Efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma wo yiyedi. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wotɔ were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.

5Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia.

6Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.

7Mat 22.21 Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow ahorow nyinaa mma nea ɔtow sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni.

Nokware dɔ

8 Gal 5.14; 1 Tim 1.5 Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.

9Eks 20.13-17; Lew 19.18 Na mmara no: Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma w’ani mmmere ade! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abom ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

10Mat 22.40 Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so di.

Kristo da no abɛn

11 Efe 5.14; 1 Te 5.6-7 Na eyi de munim, munim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.

121 Yoh 2.8; Efe 5.11 Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode.

13Luka 21.34; Efe 5.18 Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;

14Gal 3.27 na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atade, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help