Mmebusɛm 31 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔkasakyerɛ ma ɔhene

1Masa hene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de teɛɛ no so.

2Ɛdɛn, me ba, na ɛdɛn, me yafumma?

Na ɛdɛn, me bɔhyɛ ba?

3 Deut 17.17; 1 Ah 11.1 Mfa w’ahoɔden mma mmea,

na mfa w’akwan nyɛ nea ɛsɛe ahemfo.

4 Mmb 20.1 Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa,

anaa atitiriw, sɛ wobedi nsaden akyi,

5na wɔannom, na wɔn werɛ amfi mmara a wɔahyɛ,

na wɔannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani.

6Fa nsaden ma nea ɔresɛe,

ne bobesa ma awerɛhowfo.

7Ma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia,

na wɔankae wɔn amane bio.

8 Hiob 29.12, 15 Kasa ma omum,

ne mma a wonni ahwɛfo nyinaa.

9Bue w’ano, bu atɛntrenee,

na di ɔbrɛfo ne ohiani asɛm.

Ɔyere pa ayeyi

10 Mmb 12.4; 18.22 Ɔyepa, hena na obenya?

Nanso ne bo sen nhene pa koraa.

11Ne kunu koma da no so,

na siade ade nhia no.

12Ɔyɛ no yiye, na ɔnyɛ no bɔne bi,

ne nkwa nna nyinaa.

13Odwen kuntu ne asaawa ho,

na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛw so.

14Ɔte sɛ oguadini ahyɛn,

ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba.

15Ade nnya nkyee a, na wasɔre,

na wama ne fifo aduan,

na wama ne mmaawa nnwuma.

16Odwen afuw ho na ɔtɔ,

ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.

17Ɔde ahoɔden bɔ n’asen,

na ɔhyɛ n’abasa mu den.

18Ɔte ne dwumadi mu dɛw,

ne kanea nnum anadwo.

19Ɔteɛ ne nsa so tadua mu,

na ne nsatea so kyekye mu.

20Obue ne nsam ma ɔbrɛfo,

na ɔteɛ ne nsa ma ohiani.

21Onsuro sukyerɛma mma ne fifo,

na ne fifo nyinaa furafura atankɔkɔɔ.

22Wanwene mmommo afa,

ne ntama yɛ nwera pa ne ntama a ɛberedum.

23Wonim ne kunu kurow apon mu,

bere a ɔte asase no so mpanyimfo mu no.

24 Aso 9.39 Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn,

na ɔde abɔso ma oguadini.

25 Hiob 5.22; Mat 6.34 Ahoɔden ne ahoɔfɛ ne n’adurade,

na osuro mmere a ɛwɔ n’anim.

26Obue n’ano nyansa mu,

na adɔe kyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

27Ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae,

na onni anihaw aduan.

28Ne mma sɔre,

na wɔfrɛ no nhyira,

ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ:

29Mmea pii ayɛ papa,

na wo de, wosen wɔn nyinaa.

30 Mmb 11.22 Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude;

nanso ɔbea a osuro AWURADE na wobeyi no ayɛ.

31Momma no ne nsa ano aba bi,

na ne nneyɛe nyi no ayɛ kurow apon mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help