1AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm,
hwɛ m’apinisi a mikuram.
2 Nnw 84.3 Tie me nteɛm,
me hene ne me Nyankopɔn,
na wo na mɛbɔ wo mpae.
3AWURADE, tie me nne anɔpa,
anɔpa na mesiesie mama wo,
na mɛhwɛ wo kwan.
4Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne;
ɔbɔne ne wo rentena.
5Ahantanfo rennyina w’anim,
wotan amumɔyɛfo nyinaa.
6Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm;
AWURADE kyi mogyapɛfo ne asisifo.
7 Nnw 26.8 Na me de, menam wo dom bebree so
mɛba wo fi.
Na wo ho suro mu
na mɛsɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na makotow.
8AWURADE, fa wo trenee kyerɛ me kwan,
wɔn a wɔtɛw me nti,
teɛ wo kwan wɔ m’anim.
9 Rom 3.13 Na wɔn anom nni nokwasɛm bi,
ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma,
wɔn menewa yɛ ɔda a abue,
na wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.
10Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfi wɔn agyinatu ho.
Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu,
efisɛ wɔasɔre atia wo.
11 Nnw 40.16 Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye,
na wɔmfa ahosan nhuro daa,
efisɛ woakata wɔn so,
na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.
12 Nnw 103.4 Na wo, AWURADE, wuhyira ɔtreneeni,
wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɔkyɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
