Yeremia 25 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yuda ne amanaman ho atemmusɛm

1Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a edi kan no mu

2a odiyifo Yeremia kae, Yuda man nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfo nyinaa ni:

3Efi Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛto so dumiɛnsa so de bedu nnɛ da yi, mfirihyia aduonu abiɛsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn na mituaa ahema meka mekyerɛɛ mo, na moantie.

4Na AWURADE asoma ne nkoa adiyifo nyinaa aba mo nkyɛn, otuaa ahema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.

5Yer 18.11 Wose: Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afi daapem akosi daapem.

6Na munnni anyame foforo akyi nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne bi.

7Na moantie me, AWURADE asɛm ni, na mode mo nsa ano nnwuma huruu me bo ma adan mo bɔne.

8Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Esiane sɛ moantie me nsɛm nti,

9Yer 27.6 hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo,

10Yer 16.9 na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu;

11Yer 29.10; 2 Be 36.21; Esra 1.1; Dan 9.2 na asase yi nyinaa bɛdan amamfo ne ahodwiriwde, na amanaman yi asom Babel hene mfirihyia aduɔsɔn.

12Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirihyia aduɔsɔn wie du a, mɛba mabetua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafo asase no amumɔyɛ so ka, na madan no daa amamfo.

13Na mɛma me nsɛm a meka miguu asase no so no nyinaa aba mu wɔ so, ade a wɔakyerɛw nhoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa so no nyinaa,

14na amanaman bebree ne ahene akɛse de wɔn bɛyɛ nkoa, na metua wɔn wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.

15 Yer 51.7; Yes 51.17; Adi 14.10 Na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, aka akyerɛ me ni: Gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,

16na wɔanom atɔ ntintan abobɔ adam, afoa a meresoma aba wɔn mu no ano.

17Ɛnna migyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee,

18Yerusalem ne Yuda nkurow ne emu ahene ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwiriwde, fɛwdi ne nnome sɛ ɛte nnɛ da yi:

19Misraim hene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa,

20ne amamfrafo no nyinaa ne Us asase so ahene nyinaa ne Filistifo asase so ahene nyinaa ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkae no,

21Edom ne Moab ne Amonfo,

22ne Tiro ahene nyinaa ne Sidon ahene nyinaa ne po akyi noho asase so ahene,

23Yer 9.26 Dedan ne Tema ne Bus ne wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛputu no nyinaa,

24ne Arabia ahene nyinaa ne afrafrafo ahene a wɔte anwea pradada so no nyinaa,

25ne Simri ahene nyinaa ne Elam ahene nyinaa ne Media ahene nyinaa,

26Yer 51.41 ne benkum fam ahene nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahenni horow a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyi anom.

27Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Monnom na mommobow, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre, afoa a merema aba mo mu no nti.

28Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔnom ara na monnom.

29Yer 49.12; 1 Pe 4.17 Na hwɛ, kurow a wɔde me din ato no so na merefi mama bɔne aba yi, na mo de, mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afoa na merefrɛ aba asase sofo nyinaa so, asafo AWURADE asɛm ni.

30 Yoel 3.16; Amos 1.2; Hos 11.10 Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ:

AWURADE fi sorosoro bobom,

na ɔma ne nne so fi tenabea kronkron hɔ,

ɔpae na ɔpaepae mu gu ne nguan yɛmmea so,

ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo

hyɛ asase no sofo nyinaa.

31Hooyɛ no bedu asase ano noho,

na AWURADE ne amanaman reham;

ɔrebu ɔhonam nyinaa atɛn;

ɔde abɔnefo ato afoa ano,

AWURADE asɛm ni.

32Sɛ asafo AWURADE se ni:

Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so,

na ahum kɛse retu

afi asase anoano.

33 Yer 7.33 Na da no na AWURADE bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.

34 Yer 23.1 Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm,

na mumpirepirew, nguankuw mu akunini,

na mo kum nna adu; na mɛpansam mo

na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den;

35na nguanhwɛfo no rennya ɔkwan nguan,

na nguankuw mu akunini nso rennya ɔkwan mfi mu.

36Wɔte nguanhwɛfo su

ne nguankuw no mu akunini abubuwbɔ,

efisɛ AWURADE resɛe wɔn yɛmmea,

37na asomdwoe tenabea no ayɛ komm,

AWURADE abufuw hyewhyew no anim.

38 Yer 4.7 Wagyaw ne dabere sɛ gyataforo,

na wɔn asase adan amamfo,

esiane n’afoa nnamnam

ne n’abufuw hyewhyew no nti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help