Yoel 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atamfo so atemmu

1 Hos 6.11 Na hwɛ, nna no ne bere a mede Yuda ne Yerusalem nnommum no mɛsan maba no mu no,

2Yoel 3.12, 14 mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn mesian maba Yehosafat bon no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapade Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti.

3Nah 3.10 Efisɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee aguaman, na wɔtɔn abaawa gyee nsa nomee.

4Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifo amantow nyinaa? So nea mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribi? Ɔhareso, ntɛmso na mɛdan nea moreyɛ magu mo atifi.

5Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinne a ɛsɔ ani a eye no kokɔɔ mo asɔrefi.

6Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafo, sɛ moreyi wɔn afi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7Hwɛ, merenyan wɔn na wɔafi nea motontɔn wɔn kɔe hɔ, na mede nea moayɛ mɛsan mabua mo atifi,

8na matontɔn mo mmabanin ne mo mmabea mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafo, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.

9Mompae eyi amanaman mu,

munnwira ɔsa ho,

munnyan nnɔmmarima,

akofofo nyinaa ntwiw mmɛn,

wɔmforo mmra.

10 Yes 2.4 Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa,

na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw.

Nea wagurow nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.

11Monyɛ ntɛm mmra ɛ,

mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa,

mummehyia!

Ɛhɔ na, AWURADE,

gya wo nnɔmmarima no bra!

12 Yoel 3.2 Amanaman nsɔre ntu

mmra Yehosafat bon no mu;

na ɛhɔ na mɛtena ase

mabu amanaman a wofi afa nyinaa atɛn.

13 Adi 14.15, 18; Yes 63.3, 6 Momfa kantankrankyi nhyɛ mu,

na nea wotwa ahoa.

Mommra mmetiatia so,

na nsa-kyi-amoa no ayɛ ma, nkuku no ayɛ ma abu so,

na wɔn bɔne adɔɔso.

14Nnipa yuu, nnipa yuu

wɔ atemmu bon no mu;

efisɛ AWURADE da no abɛn,

atemmu bon no mu.

15 Yoel 2.10; 3.4 Owia ne ɔsram aduru sum,

na nsoromma agyae haran.

Yuda nhyira bere

16 Amos 1.2 Na AWURADE fi Sion bobom,

na ofi Yerusalem ma ne nne so,

na ɔsoro ne asase wosowosow;

nanso AWURADE yɛ guankɔbea ma ne man,

ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.

17 Hes 34.30 Na mubehu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn

a mete Sion, me bepɔw kronkron no so,

na Yerusalem bɛdan kronkronbea,

na ananafo rentwa mu hɔ bio.

18 Amos 9.13; Hes 47.1; Sak 14.8 Na ɛda no,

mmepɔw bɛsosɔ nsamono,

na nkoko asen nufusu,

na nsu asen Yuda abon nyinaa mu;

na nsuaniwa befi AWURADE fi asen,

na akɔfɔw Sitim bon no.

19 Oba 10 Misraim bɛdan amamfo,

na Edom adan nkyerekyerewa afo,

esiane Yuda mma so atirimmɔden no nti,

efisɛ wɔahwie mogya a edi bem agu

wɔn asase so.

20Na Yuda de, wɔbɛtena hɔ daa,

na Yerusalem atena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.

21 Deut 32.43; Hes 48.35 Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no,

na AWURADE bɛtena Sion ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help