Hiob 19 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hiob nim sɛ Onyankopɔn begye no

1Na Hiob gyee so sɛ:

2Mobɛhaw me kra akosi da bɛn,

mode nsɛm abubu me pasaa?

3Mpɛn du ni a moasopa me,

mo ani nwu sɛ mohow me werɛ.

4Na mpo, sɛ ampa na mafom a,

me so na mfomso no da.

5Sɛ ampa sɛ moma mo ho so hyɛ me,

na muyi me m’ahohora ho ntɛn a,

6ɛnne munhu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me,

na ɔde n’asawu atwa me ho ahyia.

7 Hiob 30.20 Hwɛ, ayayade nti meteɛ mu, nso wonnye me so;

misu mefrɛ ɔboa, nso ogyefo bi nni hɔ.

8 Kwa 3.7, 9 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mintumi mensen,

na me kwan so aduru sum.

9Wayi m’anuonyam afi me so,

na wahotiri me ti so abotiri.

10Wabubu me afa nyinaa a minni hɔ bio,

na watu m’anidaso ase sɛ dua.

11 Hiob 13.24; 33.10 Wama n’abufuw afram me so,

na obu me sɛ n’atamfo mu biako.

12 Hiob 30.12 N’asafo horow bɔɔ mu bae,

na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so,

na wɔbɔɔ nsra twaa me ntamadan ho hyiae.

13 Nnw 69.8; 31.11 Wayi me nuanom afi me ho kɔ akyirikyiri,

na m'amannimfo adannan me ahɔho koraa;

14 Nnw 38.11 m’abusuafo atwe wɔn ho kɔ,

na me nnamfo paa werɛ afi me;

15wɔn a wɔbɛtena me fi ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho,

madan wɔn ani so ɔnanani;

16mefrɛ m’akoa na ommua me,

mede m’ano mepa no kyɛw po.

17 Hiob 2.9 Me yere po kyi me home,

me yafumma mpo mpɛ m’ahomegu.

18 Hiob 30.1 Ntɔtɔfifiwa po bu me animtiaa,

mise mesɔre a, wɔkasa tia me.

19 Hiob 19.13 Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwini,

na m’adɔfo adan wɔn ani ahyɛ me.

20 Nnw 102.5 Me nnompe fomfam me were ne me nam ho,

na me se ho were nko na mede mafi mu.

21 Rut 1.13 Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom,

na Onyankopɔn nsa aka me.

22 Nnw 27.2 Adɛn nti na mutiw me sɛ Onyankopɔn,

na me nam nso mmee mo?

23O, sɛ anka wɔrekyerɛw me nsɛm ɛ!

Sɛ wɔde rehyɛ nhoma mu ɛ!

24Sɛ wɔde dade kyerɛw ade ne sumpii rekurukyerɛw ɔbotan mu

na atena hɔ daa ɛ!

25 2 Tim 1.12; Yes 41.14; Hos 13.14 Na me de, minim sɛ me dimafo te ase,

na awiei no, obedi m’asɛm ama me wɔ asase yi so.

26 Nnw 17.15; 73.24 Na wɔasɛe me were sɛɛ yi akyi no,

na metu mafi me honam mu makɔhwɛ Onyankopɔn.

27 1 Yoh 3.2 Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa,

na m’aniwa behu, na ɛnyɛ obi foforo.

M’asaabo resa wɔ me mu.

28Sɛ muse: Yɛbesi dɛn atiw no,

Na yɛahu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a,

29munsuro afoa, efisɛ abufuhyew de afoa asotwe ba,

na moahu sɛ atemmu wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help