Numeri 28 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Daadaa afɔrebɔ(Eksodɔs 29.38-46)

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Lew 21.6 Hyɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: M'ayɛyɛde, m'aduan a wɔde bɔ ogya afɔre ma eyi hua huamhuam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne bere a ɛsɛ mu.

3 Eks 29.38-42 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔre a momfa mmrɛ AWURADE ni: Nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyew afɔre daa yi.

4Oguammaa biako na fa bɔ anɔpa, na fa oguammaa biako no bɔ anwummere de.

5Lew 2.1 Na fa asikresam olonka abupɛn du mu biako yɛ aduan afɔre a wɔde ngodua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw.

6Ɛyɛ daa ɔhyew afɔre a wɔhyehyɛe Sinai bepɔw so a eyi hua huamhuam a ɛyɛ AWURADE gya afɔre.

7Na n'ahwiesa susutoa abupɛn anan mu biako nka oguammaa biako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wohwie no ma AWURADE.

8Na oguammaa a ɔto so abien no, fa bɔ anwummere de, na fa aduan afɔre ne n'ahwiesa ka ho sɛ anɔpa de no ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

Homeda afɔre

9 Mat 12.5 Na homeda de, nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, ne ɛho ahwiesa:

10daa homeda hyew afɔre a ɛka daa ɔhyew afɔre ne ɛho ahwiesa no ho ne no.

11 Deut 10.10 Na mo asram foforo asefi nso, momfa ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako, nguanten mma ason a wɔadi afe afe a wodi mu.

12Deut 28.20, 28; 15.2-13 Na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka nantwinini biara ho, na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw nka odwennini biako no ho,

13na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw nka oguammaa biara ho: ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam a wɔhyew ma AWURADE ne no.

14Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn abiɛsa mu biako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn anan mu biako nka oguammaa biara ho. Eyi ne ɔsram biara hyew afɔre, afirihyia asram no mu.

15Deut 28.22 Na wɔmfa ɔpapo biako nso mmɔ bɔne ho afɔre mma AWURADE nka daa ɔhyew afɔre no ne ɛho ahwiesa no so.

Twam afahyɛ afɔre

16 Lew 23.5-14 Na ɔsram a edi kan da a ɛto so dunan no yɛ AWURADE Twam.

17Na ɔsram no ara da a ɛto so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wonni apiti abodoo.

18Deut 28.25-26 Da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara;

19na momfa ogya afɔre a ɛyɛ ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wodi mu;

20Deut 28.12 ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini biako ho, na abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

21na abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

22Deut 28.15 ne bɔne ho afɔre papo biako a wɔde bɛpata ama mo;

23monyɛ eyinom nka anɔpa hyew afɔre a ɛyɛ daa ɔhyew afɔre no ha.

24Saa ara na nnansɔn no mu da biara momfa aduan mmɛbɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE; wɔnyɛ eyi mpae daa ɔhyew afɔre ne ɛho ahwiesa no so.

25Na da a ɛto so ason no, munhyia nhyia kronkron; munni adwuma biara.

26 Lew 23.15-21 Na sɛ mo adapɛn afahyɛ du a, aduankan da a mode mo aduan foforo afɔre rebrɛ AWURADE no, munhyia nhyia kronkron; munni adwuma biara;

27na momfa ɔhyew afɔre mmra na enyi hua huamhuam mma AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe;

28ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

29abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

30Deut 28.15 ne ɔpapo biako a wɔde bɛpata ama mo;

31monyɛ eyi ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre no so; monhwɛ sɛ wodi mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help