1Na Hiob gyee so sɛ:
2Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree ntee;
mo nyinaa yɛ gyamserefo.
3So nsɛnhuhu yi awiei ni?
Anaasɛ ɛdɛn na ɛkaa wo ma wubua?
4 Nnw 22.7 Sɛ mewɔ me tebea mu a,
anka me nso mɛkasa sɛ mo,
anka mɛhɔre nsɛm magu mo so,
na mawosow me ti magu mo so;
5Yiw anka mede m’ano mɛhyɛ mo den,
na m’anom duema ama mo yaw abotow.
6Sɛ mekasa a, me yaw no mmotow,
na sɛ migyae nso a, ɛso nhuan ara.
7Na afei de, Onyankopɔn agurow me;
woama me ho nnipa nyinaa agu;
8woapompono me ma adan adanse atia me,
na me fɔn asɔre ahyɛ me
na atoto m’ano wɔ m’anim.
9 Nnw 35.16; 112.10 Watetew me n’abufuw mu na ɔtaa me;
ɔtwerɛ ne se gu me so;
m'ahohiafo no nworam n’ani hwɛ me.
10 Nnw 22.7 Wɔtɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ me,
wɔde ahohorabɔ bobɔ m’asom,
wɔn nyinaa boaboa wɔn ho ano hyɛ me.
11Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufo nsa,
na wasum me ato abɔnefo nsam.
12 Kwa 3.12 Anka midi yiye, na obubuu me.
Osoo me kɔn na obubuu me pasaa,
na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botae;
13n’agyan dii me so atwagu,
ɔpaee m’asaabo mu, na wankora so,
ohwiee me bɔnwoma guu fam;
14oburuw me de oburuw paee oburuw so;
ɔtow baa me so sɛ ɔdɔmmanin.
15 Gye 37.34 Mepam atweaatam mekataa me were so,
na mede m’ahoɔden metoo mfutuma mu.
16Osu nti m’anim abere kɔkɔkɔkɔ,
na owu sunsuma da m’anisuatɛtɛ so.
17Nanso amim bi nni me nsam,
na me mpaebɔ ho tew.
18 Gye 4.10 O! Asase, nkata me mogya so,
na mma me sufrɛ nnnya ɔhomebea!
19Seisei po, hwɛ, ɔsoro na me dansefo wɔ,
na me dimafo wɔ nea ɛkorɔn.
20 Kwa 3.14 Me nnamfo po di me ho fɛw,
nanso Onyankopɔn na m’aniwa poroporow nsu ma no.
21Sɛ onni mma onipa, Onyankopɔn anim,
sɛ onipa ba di ma ne yɔnko no.
22 Hiob 10.21 Na mfe a ɛwɔ ano no bedu,
na makɔ ɔkwan a merensan memma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
