Asomafo 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wohu Yesu a wasɔre no

1 Yesu sorokɔ

9 Mar 16.19; Luka 24.51 Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.

10Luka 24.4 Na ɔrekɔ na wɔrehwɛ ɔsoro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntade fitaa begyinaa wɔn nkyɛn,

11Luka 21.27 na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mugyina ha rehwɛ ɔsoro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi.

Asomafo no hyia Yerusalem

12 Luka 24.50; 24.52-53 Ɛno na wofii bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so san kɔɔ Yerusalem.

13Luka 6.13-16 Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.

14Aso 2.1; Yoh 7.3 Eyinom nyinaa de koma koro kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmea no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.

Petro asɛnka

15Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ:

16Nnw 41.9 Anuanom, etwa sɛ kyerɛw no a Honhom Kronkron nam Dawid anom nsɛm so kae kan no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfo no ho.

17Na wɔkan no fraa yɛn, na onyaa ɔsom yi kyɛfa bi somee.

18Mat 27.3-10(Saa Yuda yi na ɔde n'amumɔyɛ akatua nyaa asase, na ɔhyɛɛ akɔmfo no, ne mu paee, na n’ayamde nyinaa tu gui;

19na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ankasa kasa mu sɛ Hakeldama, ase ne Mogya Asase).

20 Nnw 69.25; 109.8 Na wɔakyerɛw nnwom nhoma mu sɛ:

Ne tenabere nyɛ amamfo,

na obiara nntena mu!

Ne hwɛ adwuma no, ɔfoforo mfa!

21 Yoh 15.27 Enti etwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nantewee bere a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyɛmfiri no nyinaa

22fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo.

Matia paw

23Na wɔde baanu begyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia.

24Na wɔbɔɔ mpae sɛ: Wo, Awurade a wunim nnipa nyinaa komam, kyerɛ baanu yi mu biako a woayi no

25sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom!

26Mmb 16.33 Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafo dubiako no ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help