Hosea 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Otukɔ no

1 Hos 1.2 Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.

2Awiporowbea ne nsa-kyi-amoa renyɛn wɔn, na nsamono no bedi wɔn huammɔ.

3Hos 8.13 Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.

4Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE, na wɔn kum afɔre renyɛ no dɛ; wɔn aduan bɛyɛ wɔn sɛ akyiduan, wɔn a wodi nyinaa ho begu fi; na wɔn aduan yɛ wɔn ankasa wɔn de, ɛremma AWURADE fi.

5Dɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no ne AWURADE dapɔnna no?

6Hos 10.8 Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.

7Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel behu sɛ odiyifo no yɛ ogyimifo, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfo, amumɔyɛ dodow ne ɔtan a ɛso pii no nti.

8Hos 5.1 Odiyifo no ne Onyankopɔn yɛ Ɔyɛnfo ma Efraim nanso odiyifo no de, ɔnomayifo afiri wɔ n’akwan nyinaa mu, ɔtan wɔ ne Nyame fi.

9Ate 19.22-30; 20.13 Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso.

Wonnim Onyankopɔn dɔ

10 Deut 32.10; Num 25.3 Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.

11Efraim de, wɔn anuonyam betu sɛ anomaa, awo ne afurufa ne nyinsɛn nni wɔn mu.

12Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!

13Hes 27.3 Efraim a miyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa so no, Efraim no ara beyi ne mma afi akɔma okumfo.

14AWURADE, ma wɔn biribi! Dɛn na wobɛma wɔn? Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn ne nufu a emu ayow.

15Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mifi metan wɔn; wɔn nneyɛe bɔne nti, mɛpam wɔn afi me fi, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatewfo nko.

16Wɔabɔ Efraim ade; wɔn ase ntini akyen; aba nso wɔrensow; sɛ wɔwo nso a, mekum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.

17Me Nyankopɔn apa wɔn, efisɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ akobɔfo amanaman mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help