Numeri 18 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Lewifo no ne Asɔfo no asɛde

1 Eks 28.38; Lew 16.32-33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanyimfi nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumɔyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodi ho amumɔyɛ.

2Deut 3.6-10 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuw, w'agya abusuakuw no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom no mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanse ntamadan no anim,

3na wonkura w'adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntamadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nneɛma ne afɔremuka no ho nko na wɔmmmɛn, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.

4Na wɔnka wo ho, na wonkura ahyiae ntamadan no ho adwuma no mu nyɛ ntamadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforo biara ammɛn mo.

5Num 16.46 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma ne afɔremuka no ho nnwuma no, na abufuhyew bi amma Israelfo so bio.

6Num 3.12, 45 Na me de, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifo afi Israelfo mu mama mo sɛ akyɛde a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma no.

7Num 1.51 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodi no, afɔremuka no ho nsɛm nyinaa mu, ne ntwamu mmɔhɔɔ no mu de no mu mfa nsom: mede mo asɔfodi no mama mo sɛ akyɛde som adwuma; na obi foforo biara a ɔbɛn no, wonkum no.

8 Lew 2.3, 10; 6.16-18, 26-28; 7.6-10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me de, hwɛ, mede me soma ade so hwɛ mema wo; Israelfo akronkronne nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa.

9Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya no mu no mu nea ɛnyɛ wo de ni: wɔn ayɛyɛde biara a wɔde ba, wɔn aduan afɔre biara, ne wɔn bɔne ho afɔre biara ne wɔn asodi ho afɔre biara a wɔde brɛ me no nyɛ akronkronne mu ade kronkron mma wo ne wo mma.

10Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɔnyɛ wo ade kronkron.

11Lew 10.14 Na eyi nso nyɛ wo de: wɔn ayɛyɛde mu soma ade, Israelfo him afɔre nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho tew, wo fi mu, nni bi.

12Ngo foforo mu nea eye koraa no nyinaa ne nsa foforo ne awi mu nea eye koraa no nyinaa, emu adekan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama wo.

13Eks 23.19; Deut 18.4 Wɔn asase so ade nyinaa mu adekan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo de; obiara a ne ho tew wɔ wo fi nni bi.

14Lew 27.28 Israel mu ahyirade nyinaa nyɛ wo de.

15Eks 13.12-13; 34.19-20 Ade biara a ebue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo de; nnipa mmakan, ne afieboa a wɔn ho ntew mmakan nso wonhyɛ wɔn anan mu.

16Na ananmuhyɛde no de, nea wadi ɔsram no, ma wonnye no dwetɛ nnwetɛbona anum a wobɛhyɛ ama wɔn, sɛ kronkronbea dwetɛbona a ano si gera aduonu no te.

17Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

18Na wɔn nam nyɛ wo de sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo de no.

19Akronkronne mu soma ade a Israelfo de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɔnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w'asefo a wɔka wo ho no.

20 Num 35; Deut 10.9; 12.12; Yos 13.14, 33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worenni, na worennya kyɛfa bi wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w'agyapade Israelfo mu.

21 Lew 27.30 Na Lewifo no de, wɔn som a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nti, hwɛ, mede Israel mu ntotoso du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapade.

22Na Israelfo no mmmɛn ahyiae ntamadan no bio, na wɔamfa mmusu anwuwu;

23na Lewifo no de, wɔn na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma, na, wɔnsoa ɛho mmusu: ɛyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; na Israelfo mu de, wɔrennya agyapade bi.

24Na Israelfo ntotoso du du a wɔmoma no yɛ soma ade ma AWURADE no, mede mama Lewifo no sɛ agyapade; ɛno nti na maka wɔn ho sɛ wɔrennya agyapade bi Israelfo mu no.

25Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

26Lewifo de, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mugyigye Israelfo hɔ ntotoso du du a mede mama mo fi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapade no a, ɛnne momma emu bi so nyɛ AWURADE soma ade, ntotoso du du no mu ntoso du.

27Na wommu mo soma ade mma mo sɛ awiporowbea awi ne nsa-kyi-amoa mu adenya.

28Enti mo nso momma soma ade so mma AWURADE mfi mo ntotoso du du a mugyigye Israelfo hɔ nyinaa mu, na momfa emu soma ade a ɛyɛ AWURADE de no mma ɔsɔfo Aaron.

29Ade a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE soma ade nyinaa, emu nea eye koraa no nyinaa mu akronkronne.

30Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu nea eye koraa no so a, wommu nea aka no mma Lewifo sɛ awiporowbea nnɔbae ne nsa-kyi-amoa mu adenya.

31Mat 10.10 Na munni no baabiara, mo ne mo fifo, na ɛyɛ mo ahyiae ntamadan ho som adwuma so akatua.

32Na moma emu nea eye koraa no ma a, ɛnne na mmusu bi nna mo so na munngu Israelfo akronkronne ho fi, na moanwuwu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help