1 Ahene 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Solomon Ahemfi

1 1 Ah 9.10 Na Solomon ankasa fi de, mfe dumiɛnsa ansa na owiee ofi no nyinaa si.

2 Yes 22.8 Osii Lebanon kwae dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonuanum ne ne trɛw, na basafa dunum ne ne korɔn, ɛwɔ nkyeneduru adum kyerɛpɛn anan so, na nkyeneduru mpuran gugu so;

3na wɔde kyeneduru sɛm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no so no so, besi aduanan anum a dunum yɛ kyerɛpɛn biako.

4Na nsɛmso mpuran yɛ kyerɛpɛn abiɛsa, na mfɛnsere kyerɛkyerɛ mfɛnsere anim ahorow abiɛsa.

5Na apon no ne apongua no nyinaa yɛ mpuran ahinanan, na mfɛnsere kyerɛ mfɛnsere anim ahorow abiɛsa.

6Na ɔyɛɛ adum abrannaa, basafa aduonum anum ne ne ntwemu, na basafa dunum ne ne trɛw; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne atrapoe wɔ anim.

7Na ɔyɛɛ ahengua abrannaa a ɛhɔ na obebu atɛn, atemmu abrannaa no; na ɔde kyeneduru kataa mu fi fam koduu nsɛmso ani.

8 1 Ah 3.1 Na ne dan a ɔbɛtena mu a ɛwɔ abangua biako no mu, abrannaa no akyi no yɛbea te saa ara. Na ɔyɛɛ ɔdan nso maa Farao babea a ɔwaree no no.

9Eyinom nyinaa yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, wɔde ɔwan na etwae, ɛwowɔ emu fam ne akyiri fam, fi asehyɛ so kɔpem atifi, na efi akyiri fam kosi abangua kɛse no so.

10Na asehyɛ no yɛ abo a ne bo yɛ den, abo akɛse, basafa nnum nnum abo ne basafa anan anan abo.

11Na ɛso a wɔtoe no yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, ɛne nkyeneduru.

121 Ah 6.36 Na abangua kɛse a etwa ho hyia no yɛ abo a wɔasen kyerɛpɛn abiɛsa, ne nkyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako; na AWURADE fi no mufam abangua no ne ɔdan no abrannaa no wɔ saa bi.

Kɔbere adum abien no

13 2 Be 2.13-14 Na ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa Hiram fii Tiro;

14Gye 4.22; Eks 21.3-4 ɔyɛ Naftali abusuakuw mu ɔbea kunafo bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere dwumfo; na nyansa ne nhumu ne kɔbere adwinni nyinaa ho nimdeɛ ahyɛ no ma; na ɔbaa ɔhene Solomon nkyɛn bedii n’adwinni nyinaa.

15 2 Be 3.15-17 Na ɔyɛɛ kɔbere adum abien, biako tenten si basafa akron, na hama a ne tenten si basafa asia twa biako ho hyia.

16Na ɔyɛɛ ntaasotiri abien sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere na egui; basafa abien ne fa ne oduntiri biako korɔn, na basafa abien ne fa nso ne oduntiri biako no korɔn;

17ntontan a wɔanwene a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotiri a ɛwɔ adum no atifi no ho, ason wɔ oduntiri biako ho, na ason nso wɔ biako no ho;

18na ɔyɛɛ atea aba sɛso kyerɛpɛn abien twaa ntontan no ho hyiae de kataa aduntiri no so; saa na ɔyɛɛ oduntiri biako no nso;

19na ntaasotiri a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwironoa no ho, basafa abien;

20na adum abien no so ntaasotiri no wɔ ɔsoro nso, n’afuru a ɛtra ntontan no ho; na atea aba sɛso ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntiri biako no ho hyia.

21Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no ntwironoa no ano, na odum a ɔde sii nifa no, ɔtoo no din Yakin ase ne: Ɔde tim hɔ, na odum a ɔde sii benkum no, ɔtoo no din Boas ase ne: Ne mu na ahoɔden wɔ.

22Na sukooko adwinni wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no.

Asɔrefi nneɛma

23 2 Be 4.2-5 Na ɔyɛɛ ɛpo no, wogui, efi ano kɔpem ano si basafa anum, ne kontonkron yɛ kurukuruwa, na basafa abien ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum hama twa ho hyia;

24na kukuduuduu wɔ ano no ase, twa ho hyia, basafa anum anum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn abien na wogui ne gu no ara mu.

25Ɛwɔ anantwi dumien so: Abiɛsa hwɛ benkum fam, na abiɛsa hwɛ atɔe, na abiɛsa hwɛ nifa fam, na abiɛsa hwɛ apuei; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyi nyinaa wɔ emu fam.

26Na ne pipripi yɛ nsayam trɛw; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahan; edi galɔn mpedu.

27 2 Be 4.6, 10 Na ɔyɛɛ kɔbere nsugye nnaka du, adaka no biako atwemu yɛ basafa abien, na ne trɛw yɛ basafa abien, na ne korɔn yɛ basafa biako ne fa.

28Na nnaka no yɛbea ni: Ɛwowɔ nhyehyɛmu atɛreatɛre, na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’agua ntam; na agyata, anantwi ne kerubim wowɔ agua no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinaso bi wɔ agua no so ɔsoro;

29na agyata ne anantwi no ase no wɔyɛɛ nhabamma nkyekyeree a ɛsensɛn hɔ.

30Na nnaka no wowɔ kɔbere ntwahonan anan anan ne kɔbere nhyemu dua, na ne nsisonan anan no so wowɔ nsusom nsa bi, wogui, oguasɛn no ase, na nhabamma nkyekyeree wowɔ nkyɛn nkyɛn.

31Na oguasɛn no ano wɔ adakatiri hankare no mu fam how so kakra basafa biako, na hankare no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinaso basafa biako ne fa, na wodii adwinni ano ano; na ne nhyehyɛmu atɛreatɛre yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.

32Na ntwahonan anan no wowɔ nhyehyɛmu atɛreatɛre no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no biako korɔn yɛ basafa biako ne fa;

33na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam nan yɛbea, ɛho nsa ne ne hankare ne ne mparow ne ne mfinimfini dade no nyinaa nso, wogui.

34Na nsusom nsa anan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifii.

35Na nnaka no ti no, wɔyeyɛɛ no nkuruwankuruwa hyiae, ne korɔn yɛ basafa fa, na nnakatiri no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu atɛreatɛre a efi mu no wɔ.

36Na odii ne nsa no trɛw ne ne nhyehyɛmu atɛreatɛre no so adwinni: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛnea ntam nnedahɔ tetee no, na nhabamma nkyekyeree twa ho hyia.

37Sɛɛ na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ tebea koro, nsusuwii koro ne suban koro.

38Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere aguasɛn du, oguasɛn biako di galɔn ahanan; basafa abien ne guasɛn no biako mu trɛw; nnaka du no nyinaa guasɛn no sisi so mmiako mmiako.

39Na ɔde nnaka no anum sisii ɔdan no nifa fam, na ɔde anum sisii benkum fam; na ɛpo no de, ɔde sii ɔdan no nifa fam, apuei a ɛkyerɛ nifa fam.

40 2 Be 4.11-18 Na Hiram yɛɛ aguasɛn no ne sesaw ade ne nkora. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa ɔhene Solomon, AWURADE fi ho no nyinaa yɛ,

41adum abien no ne adum no atifi ntaasotiri no apɔw abien no ne ntontan abien a wɔde kataa adum no atifi ntaasotiri apɔw abien no,

42ne ntontan abien no ho atea aba sɛso ahanan no, atea aba sɛso kyerɛpɛn abien yɛ ntontan biako de, sɛ ɛnkata ntaasotiri apɔw abien a ɛwowɔ adum no so no ho,

43ne nsugye nnaka du no ne nnaka no so aguasɛn du no,

44ne ɛpo biako ne ɛpo biako no ase anantwi dumien no;

45ne nseaa ne sesaw ade ne nkora no.

Na nneɛma a Hiram yɛ maa ɔhene Solomon de maa AWURADE fi no nyinaa yɛ kɔbere a wɔapɔw ho.

46Yordan ho asase so dɔte mu na ɔhene gui wɔ Sukot ne Sartan ntam.

47Na Solomon ankari nneɛma dodow yi, efisɛ ɛdɔɔso pii pa, na wɔanhu kɔbere no nkarii ano.

48 2 Be 4.19—5.1 Na Solomon yɛɛ AWURADE fi nneɛma no nyinaa: Sika afɔremuka no ne ɔpon a kyerɛ abodoo no sisi so no, sika;

49ne akaneadua no, anum wɔ nifa na anum wɔ benkum, mpiakyiri no anim, sika amapa, ne ɛho nhwiren ne akanea ne adabaw no, sika;

50ne nsanka ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne nso kukuwa no, sika ara nko; na ɔdan no mufam kronkronkronbea hɔ apon ne asɔredan apon no mmofunnua nso yɛ sika.

51Na wowiee adwuma a ɔhene Solomon yɛe AWURADE fi ho no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne, dwetɛ ne sika ne nneɛma nneɛma no, baa mu de besiee AWURADE fi akorade mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help