Sirak 19 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Odwumayɛni a ɔyɛ ɔsadweam no, renyɛ osikani;

nea ommu nneɛma nketenkete ho nkontaa no,

bedi nkogu nkakra nkakra.

2Asanom ne mmeapɛ ma onimdefo yera kwan

na ɔbarima a ɔne mmea asansafo bɔ bra no, sɛe ne ho.

3Ɔsɛe ne asunson begye n’agyapade afi ne nsam

na wobehwim onipa a onni ahwɛyie no afi hɔ.

Nsɛnhunu

4Nea ɔpɛ ntɛm de ne werɛ

hyɛ ne yɔnko mu no, adwene sua,

na nea ɔyɛ bɔne no, yɛ bɔne tia ɔno ara ho.

5Nea odi dɛ wɔ amumɔyɛ mu no, wobebu no fɔ;

6na nea okyi nsekudi no, bɔne sua.

7Nti nkɔmmɔbɔ mu,

wogyae a, wo hwee nyerae koraa.

8Sɛ ɛyɛ wo nnamfo o, anaa atamfo o

nka ho hwee nkyerɛ wɔn,

anyɛ a, ebewie bɔne ama wo.

9Ebia obi ate wo nka anaa wahu wo,

na bere bi akyi no, obekyi wo.

10Woate asɛm bi anaa? Ma ɛnhyɛ wo tirim dinn na fa kɔ owum.

Nya akokoduru, na ɛremma wonsɛe!

11Sɛ wate asɛm bi no, ɔkwasea ho bɛyeraw no,

sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu rebɛwo .

12Ɛte sɛnea wɔatow agyan akɔwɔw obi srɛ mu no,

saa na asɛm a wɔaka akyerɛ ɔkwasea no te.

Nnye nea wote nyinaa nni

13Bisa wo yɔnko no, ebia na wanka sa;

na mpo ɔkae a, ɔrenka saa bio.

14Bisa wo fifo, ebia na wanka sa;

na mpo ɔkae a, ɔrenka saa bio.

15Bisa w'adamfo, efisɛ mpɛn pii no, na ɛyɛ ntwatoso;

nti nnye nea wote nyinaa nni.

16Onipa tumi fom a wanhyɛ da.

Hena na ɔmfaa ne tɛkrɛma nyɛɛ bɔne da?

17Bisa wo fifo no, ansa na woabɔ no kɔkɔ;

na ma Ɔsorosoroni no mmara no nyɛ adwuma.

Nokware nyansa ne nyansahuhu

20Nyansa nyinaa ne Awurade suro,

na nyansa nyinaa mu no, mmara no hyɛ ma.

22Amumɔyɛ ho nimdeɛ nyɛ nyansa pa,

anaa nso anidahɔ bi wɔ abɔnefo agyinatu mu?

23Nyansa bi wɔ hɔ a wokyi,

mmom ɔkwasea bi wɔ hɔ a,

onnim nyansa.

24Nnipa a wosuro Nyame a wonni ntease no,

ye sen animdefo a wɔto mmara.

25Nyansa bi wɔ hɔ a ɛyɛ pɛ, nanso ɛnteɛ,

na nkurɔfo bi wɔ hɔ a, wɔsɛe adom a wɔanya

de atemmu ba wɔn ho so.

26Omumɔyɛni bi wɔ hɔ a, ɔbɔ ne mu ase su,

nanso nnaadaa ahyɛ no ma.

27Ɔde n’anim hintaw, na ɔyɛ sɛ ɔnte hwee;

na bere a obiara ani nni so no, ɔbɛfa wo so.

28Mpo sɛ n'ahoɔmmerɛw

sianka no fi bɔneyɛ ho a,

onya kwan kakra bi pɛ a, ɔbɛyɛ bɔne ara.

29Onipa tebea na ɛma wohu ne suban,

na onipa a ɔwɔ adwene no,

wohyia no nea edi kan a, wuhu wɔ n'anim.

30Onipa adurade ne n’ano serew, 20

ne ne nantew kyerɛ sɛnea ne suban te.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help