1Afe a ɛto so du no, ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Yes 19; Yer 46 Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Misraim hene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa;
3Hes 32.2 kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Hwɛ, me ne wo anya,
Misraim hene Farao,
asuboa kɛse
a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ:
M’asubɔnten wɔ me,
me ara na meyɛ mefae.
4 Hes 38.4; 2 Ah 19.28 Na mede akɔtɔkoro mewura w’afono mu,
na mama w’asubɔnten mu mpataa afomfam w’abona ho,
na matwe wo afi w’asubɔnten mu aba,
ne w’asubɔnten mu mpataa
a ɛfomfam w’abona ho no nyinaa;
5na mɛtow wo akyene sare so,
wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa;
sare petee ani na wobɛtɔ,
wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano;
asase so mmoa ne wim nnomaa
na mede wo mɛyɛ wɔn aduan.
6 2 Ah 18.21 Na Misraimfo nyinaa behu
sɛ mene AWURADE.
Esiane sɛ wɔyɛ sakran poma ma Israel fi,
7woso wo nsa mu a, wubuka
suane wɔn mmati nyinaa,
na wotweri wo a,
wubu ma wɔn sisi nyinaa hinhim,
8ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede nkrante mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa,
9na Misraim asase adan afo, na ɛso ada mpan, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
Esiane sɛ woka sɛ: Asubɔnten no wɔ me, na me ara na meyɛe.
10Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asuten horow no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwiriwde, afi Siene abantenten ho akosi Etiopia hye so tɔnn.
11Onipa nan remfa so na aboa nan remfa so na wɔrentena so mfirihyia aduanan.
12Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow ada mpan, nkurow afoafo mu, mfirihyia aduanan, na mɛbɔ Misraim mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so.
13Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mfirihyia aduanan awiei no mɛboa Misraim ano afi aman a mabɔ wɔn mapete hɔ no mu,
14na mede Misraim nnommum no masan maba, na mede wɔn maba Patros asase so bio, wɔn asase a wofi so no so, na wɔayɛ ahenni a abrɛ ase wɔ hɔ.
15Ɛbɛyɛ ahenni mu nea abrɛ ase, na ɛremma ne ho so bio, amanaman so; na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio.
16Na ɛrenyɛ Israel fi anidaso bio, na sɛ wɔdan wɔn ani di wɔn akyi a, ɛbɛma makae wɔn amumɔyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.
17Na afe a ɛto so aduonu ason no, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse, atifi nyinaa popae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee, nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so.
19Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babel hene Nebukadnesar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asade, na wafow n’afowde, na ayɛ ne dɔm no akatua;
20Hes 30.24; Yes 10.5 n’apaade a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase mɛma no, efisɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
21Ɛda no na mɛma abɛn bi afifi ama Israel fi, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔn mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.