Hosea 8 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Israel nnebɔne kɛse

1 Yes 58.1 Fa torobɛnto tua w’ano.

Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre,

efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

2Me na wobesu afrɛ me sɛ:

Me Nyankopɔn, yenim wo,

yɛn a yɛyɛ Israel.

3Papa ayɛ Israel nwini;

ma ɔtamfo ntiw wɔn ɛ!

4 2 Ah 15.10, 14, 25, 30 Wɔn de, wɔasisi ahemfo,

na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso,

na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika,

wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.

5 1 Ah 12.28 O Samaria, wo nantwi ba no ho yɛ nwini,

m’abufuw asɔ ahyɛ wɔn,

enkosi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho tew bɔ?

6 Eks 32.20 Na Israel mu na ɛno fi;

odwumfo na ɔyɛe,

ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no,

wobebubu no pasaa.

7 Yer 12.13 Na mframa na wogu,

na ahum nso na wobetwa;

awi a egyina hɔ nni mu;

nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam;

sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.

8 Yer 22.28 Wɔamene Israel,

afei wɔte amanaman mu

sɛ ade bi a ani bi nsɔ.

9 Hos 5.13; 7.11 Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria;

wuram afurum a ne nko atew ne ho;

Efraim abobɔ adɔfo paa.

10Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a,

afei mɛboa wɔn ano,

na ahemfo mu hene no nhyɛso nti,

wɔn so afi ase ahuan.

11Na Efraim ama afɔremuka adɔɔso de ayɛ bɔne,

afɔremuka no adan wɔn bɔneyɛ.

12Makyerɛw me mmara dodow no mama wɔn,

wobuu no sɛ amannɔne ade.

13 Yes 1.11; Hos 9.3; Deut 28.68 M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no,

nam nko na wokum;

AWURADE ani nsɔ;

afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ

na wabɛtwe wɔn bɔne so aso;

Misraim na wɔbɛsan akɔ.

14 Yer 17.27; Amos 2.5 Na Israel werɛ afi ne yɛfo,

na wɔasisi aban afɛfɛ,

na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ;

nanso mɛto ne kurow mu gya,

na ahyew n’aban a ɛkorɔn no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help