1 2 Be 8.14; 35.15 Aponanohwɛfo no mu nkyekyem ni: Korafo no mu: Kore ba Meselemia, ofi Asaf mma mu.
2Na Meselemia wɔ mma: Sakaria ne abakan, Yediael tia abien, Sebadia to so abiɛsa, Yarniel to so anan,
3Elam to so anum, Yohanan to so asia, Eliehoenai to so asɔn.
4Na Obed-edom wɔ mma: Semaia ne abakan, Yosabad tia abien, Yoah to so abiɛsa, Sakar to so anan, Netanel to so anum.
5Amiel to so asia, Isakar to so asɔn, Peuletai to so awotwe, efisɛ Onyankopɔn hyiraa no.
6Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mma maa no, na wodii wɔn agya fi so efisɛ, wɔyɛ mmarima a wotumi.
7Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wotumi.
8Eyinom nyinaa fi Obed-edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wotumi a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wosi aduosia abien a wɔyɛ Obed-edom de.
9Na Meselemia wɔ mma ne nuanom, nnipa a wotumi dunwɔtwe.
10Na Hosa a ofi Merari mma mu no wɔ mma: Simir na odi ti, ɔnyɛ abakan de, nanso n’agya na ɔde no sii ti.
11Hilkia tia abien, Tebalia to so abiɛsa, Sakaria to so anan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa si dummiɛnsa.
12Eyinom ne aponanohwɛfo no nkyekyem, sɛ wɔn atitiriw te; wɔwɔ ɔwɛn adwuma sɛ wɔn nuanom no, na wɔsom AWURADE fi.
13 1 Be 25.8 Na wɔbɔɔ ɔpon biara so ntonto, akumaa ne ɔkɛse nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te.
14Na apuei ntonto no fi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufo no nso, wɔbɔɔ ntonto maa no, na ne ntonto no fii benkum fam.
15Obed-edom de wɔ nifa fam, na ne mma de ne anoboa dan no.
16Supim ne Hosa de wɔ atɔe fam, Saleket pon ho, aforoe tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentenso.
17Lewifo baasia wɔ apuei, baanan wɔ benkum fam da koro, baanan wɔ nifa fam da koro, na anoboa dan no ho de, baanu baanu.
18Parbar de wɔ atɔe fam: Nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.
19Eyinom ne aponanohwɛfo nkyekyem no, Korafo mma ne Merari mma no mu.
Sannaafo no20Na Ahia a ɔyɛ Lewifo no mu bi di Onyankopɔn fi akorade ne akronkronne akorade no so:
211 Be 23.8 Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan de no, Gersonni Ladan agyanom atitiriw: Yehieli.
22Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, dii AWURADE fi akorade no so.
23Amramfo, Yisharfo, Hebronfo, Usielfo no mu
241 Be 23.16 na Mose ba Gersom ba Sebuel di akorade no so bapɔmma.
251 Be 23.17 Na ne nuanom nso: Eliesa de: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomit.
26Ɔno Selomit ne ne nuanom di akronkronne a ɔhene Dawid ne agyanom atitiriw, mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akorade nyinaa so,
27akodi mu asade no bi na wɔde mae sɛ wɔmfa nsiesie AWURADE fi no.
28Na nneɛma a ɔdehufo Samuel ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab de mae no nyinaa nso, ɛhyɛ Selomit ne ne nuanom nsa.
Atemmufo no29Yisharfo mu na woyii Kenania ne ne mma sɛ wonni Israel so, anihumafo adwuma mu: Wɔyɛ mpanyimfo ne atemmufo.
30Hebronfo mu nso, Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wotumi apem ahanson na ɛhwɛɛ Israel so, Yordan atɔe fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.
31Hebronfo no mu nso, Yeria na odi ti sɛ Hebronfo no awo ntoatoaso ne mpanyimfi te. Dawid ahenni afe a ɛto so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wohuu wɔn mu mmarima a wotumi wɔ Yaser-gilead.
32Na ɔne ne nuanom, nnipa a wotumi na wɔyɛ mpanyimfi atitiriw mpennu ahanson, na ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no so, Onyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.