1 Esra 7.1, 7 Na eyinom ne wɔn agyanom atitiriw ne wɔn nkanee, wɔn a wɔne me fi Babel foro bae ɔhene Artasasta ahenni mu no:
2Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus.
31 Be 3.22 Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho.
4Esra 2.6 Pahat-moab mma mu: Serahia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho.
5Esra 2.8 Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka no ho.
6Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho.
7Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔsɔn ka ne ho.
8Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho.
9Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu ne dunwɔtwe ka ne ho.
10Esra 2.10 Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho.
11Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu awotwe ka ne ho.
12Asgad mma mu: Hakatan ba Yahonan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho.
13Na Adonikam mma a wodi akyiri no mu, wɔn din ni: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho.
14Na Bigwai mma mu, Utai ne Sabud, na mmarima aduɔsɔn ka wɔn ho.
15Na meboaboaa wɔn ano hyiae, asu a ɛsen kɔ Ahawa no ano, na yɛbɔɔ nsra hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfo no mu, na manhu Lewi mma mu bi hɔnom.
16Ɛnna mesoma mekɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo,
17Esra 2.43 na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitiriw Ido, Kasifia kurow mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kurow mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fi no mmrɛ yɛn.
18Esra 7.6 Na yɛn Nyankopɔn nsa pa a ɛwɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefo bi a ofi Israel ba Lewi ba Mahli mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom, nnipa dunwɔtwe,
19ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wofi Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu,
201 Be 9.2 ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifo som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.
Esra ne nkurɔfo no mmuadadi ne mpaebɔ21Ɛnna mepaee mmuadadi wɔ Ahawa asu no so, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan trenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nneɛma nyinaa,
22Esra 7.6 na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mebisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefo sɛ wɔmmoa yɛn, atamfo ho, ɔkwan mu, efisɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuw wɔ wɔn a wogyaw no nyinaa so.
23Na yedii abuada hwehwɛɛ eyi yɛn Nyankopɔn nsam, na otiee yɛn.
24Ɛnna miyii asɔfo mpanyin no mu dumien, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho.
25Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinne no, yɛn Nyankopɔn fi soma afɔrebɔde no a ɔhene ne n’agyinatufo ne ne mmapɔmma ne Israelfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa de bae no, mede mehyɛɛ wɔn nsa,
26na mekarii dwetɛ dwetikɛse ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa, ne dwetɛ nnwinne dwetikɛse ɔha, sika kɔkɔɔ nso dwetikɛse ɔha,
27ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere hanahana a ɛyɛ nnwinne abien a ne bo yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ.
28Na misee wɔn sɛ: Mo de, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nneɛma yi yɛ akronkronne, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamye ade ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no,
29monhwɛ nkora so nkosi sɛ mobɛkari, asɔfo ne Lewifo mpanyin ne Israel agyanom mmapɔmma a wɔwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fi mpia no mu.
30Na asɔfo ne Lewifo no soaa dwetɛ ne sika ne nneɛma a wɔkarii no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fi.
31Na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumien no so, yetu fii Ahawa asu no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na oyii yɛn fii atamfo ne wɔn a wɔtɛw ɔkwan mu no nsam.
32Na yeduu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa.
33Na ɛda a ɛto so anan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinne no, yɛn Nyankopɔn fi de hyɛɛ Uria ba ɔsɔfo Meremot ne Pinehas ba Eleasar a ɔka ne ho no nsa, na Lewifo Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho.
34Wɔde ne nyinaa, sɛ ne dodow ne ne duru te, hyɛɛ wɔn nsa, na wɔkyerɛw ne duru no nyinaa bere no mu.
35Na atukɔfo a wofi nnommum mu bae no de ɔhyew afɔre brɛɛ Israel Nyankopɔn no, Israel nyinaa ti: Anantwinini dumien, adwennini aduakron asia, nguanten mma aduɔsɔn asɔn, bɔne ho afɔre mpapo dumien. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE.
36Esra 7.12-26 Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofo ne abirempɔn a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaw ɔman no ne Onyankopɔn fi no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.