2 Ahene 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Manase di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 33.1-20)

1 2 Be 33 Manase bedii hene no, na wadi mfirihyia dumien, na odii hene mfe aduonum anum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsi-ba.

2Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide.

31 Ah 16.33 Na ɔsan sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia asɛesɛe no no, na osisii afɔremuka maa Baal, na ɔyɛɛ Asera dua sɛnea Israel hene Ahab yɛe no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.

42 Ah 21.7 Na osisii afɔremuka AWURADE fi a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din mɛto hɔ, no mu.

52 Ah 23.12 Na osisii afɔremuka maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fi abangua abien no so;

62 Ah 16.3 na ɔmaa ne babarima faa ogya mu, na ɔyɛɛ abayide ne adebisade, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfo ne asumanfo, ɔmaa bɔne a ɔyɛe no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo.

71 Ah 8.29; 9.3 Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛe no sii ofi no mu, ofi a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: Ofi yi ne Yerusalem a mayi Israel mmusuakuw nyinaa mu no mu na mede me din mɛto daa;

8nanso meremma Israel anan ntu nkyin mfi asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na nea wɔnyɛ nko ne sɛ: Wɔhwɛ yɛ sɛnea mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa te no.

9Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a AWURADE sɛee wɔn fii Israel anim no.

10Na AWURADE nam ne nkoa adiyifo no so kae sɛ:

11Esiane sɛ Yuda hene Manase ayɛ saa akyide yi, na wayɛ bɔne asen nea Amorifo a wodii n’anim yɛe nyinaa, na ɔde n’abosonhuhu ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,

121 Sa 3.11; Yer 19.3 sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛte no, n’aso abien mu bɛyɛ no yɔnn.

13Na mɛtwe Samaria susuhama mu, ne Ahab fi so taahama mu aba Yerusalem so, na mɛpopa Yerusalem mu sɛnea wɔpopa asanka mu, wɔpopa na wɔdan butuw;

14na mɛpo m’agyapade nkae no, na mede wɔn mahyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔayɛ dwow ade ne afow ade ama wɔn atamfo nyinaa,

15efisɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo fi da a wɔn agyanom fii Misraim bae de besi nnɛ.

16 2 Ah 24.4 Na mogya a edi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kosii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma fi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛe, sɛ wɔyɛɛ nea enye AWURADE ani so no.

17Na Manase ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne bɔne a ɔyɛe no, wɔakyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.

18Na Manase ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no ne fi turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bedii n’ade.

Amon di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 33.21-25)

19Amon bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii hene mfe abien Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet, Harus a ofi Yotba ba.

20Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no,

21na ɔnantew ɔkwan a n’agya nantew mu no nyinaa mu, na ɔsom abosonhuhuw a n’agya somee no, na ɔsɔree wɔn;

22na ogyaw AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, na wannantew AWURADE kwan mu.

232 Ah 14.19 Na Amon nkoa pam ne tiri so, na wokum ɔhene no ne fi.

24Na asase no sofo no kunkum wɔn a wɔpam ɔhene Amon tiri so no nyinaa, na asase no sofo no de ne ba Yosia sii hene sii n’ananmu.

25Na Amon ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?

262 Ah 21.18 Na wosiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bedii n’ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help