1 Makabe 12 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Romafo ne Spatafo ayɔnkofa

1Afei Yonatan hui sɛ bere no ye ma no no, oyii nnipa somaa wɔn Roma, kosiesiee wɔn ayɔnkofa no sii so dua.

2Ɔsoma de asɛnkoro no ara kɔmaa Spatafo, ne afoforo a wɔka ho wɔ mmaa nyinaa.

3Enti wɔkɔɔ Roma, wuraa Mmarahyɛ abangua no mu kae sɛ: Ɔsɔfopanyin Yonatan ne Yudafo nyinaa na asoma yɛn sɛ, yɛn kan nnamfofa ne nkabom no, yɛne mo retim bio.

4Na Romafo no pene maa wɔn lɛtɛ, de kɔɔ mmaa nyinaa sɛ wɔmpaw abɔfo a wɔn suban ye nkɔ Yuda asase so.

5Yonatan lɛtɛ a ɔde kɔmaa Spatafo no sɛso ni:

6Ɔsɔfo panyin Yonatan, ɔman no agyinatufo, asɔfo, ne Yudafo nkae no de nkyiakyia wɔn nuanom a wɔwɔ Sparta.

7Bere bi a atwam no, Ariu a odi mo so hene no, kyerɛw lɛtɛ de kɔmaa ɔsɔfo panyin Onia sɛ yɛyɛ anuanom, sɛnea nhoma yi kyerɛ no.

8Oni a gyee abɔfo no fɛw so, na ogyee lɛtɛ a ɛkyerɛ pefee sɛ wɔyɛ anuanom ne nnamfo.

9Ɛwom sɛ yenhia eyinom de, nanso esiane sɛ kyerɛw kronkron no hyɛ yɛn nkuran nti,

10yɛapene sɛ yɛn abusua nkabom, ne nnamfofa no bɛka asi ani bio. Nea ɛbɛyɛ a yɛn ntam rempan. Efisɛ yɛtee mo nka akyɛ.

11Yɛkae mo bere nyinaa, wɔ yɛn afahyɛ ne nna titiriw bi ase, yɛn afɔrebɔ ne mpaebɔ mu nso, yehu sɛ eye na ɛfata sɛ yɛkae nuanom.

12Yɛn ani gye, mo ahokeka ho.

13Nanso yɛn de, ɔko ne yaw atwa yɛn ho ahyia, ahemfo a wɔatwa yɛn ho ahyia no, ne yɛn ko.

14Yɛampɛ sɛ yɛde saa akokoakoko yi bɛhaw mo ne yɛn nnamfo.

15Efisɛ yenyaa mmoa fii soro, de gyee yɛn wɔ yɛn atamfo nsam, de hyɛɛ wɔn aniwu.

16Enti yɛapaw Antioku ba Numeni ne Yason ba Antipate asoma wɔn Roma sɛ, yɛn kan nkabom ne ayɔnkofa wommetim bio.

17Yɛahyɛ wɔn sɛ, wommekyia mo, na wɔmfa lɛtɛ a, ɛka yɛn ayɔnkofa foforoyɛ ho asɛm yi mma mo.

18Na yɛsrɛ mo sɛ momma yɛn ho mmuae.

19Lɛtɛ a wɔde kɔmaa Onia no sɛso ni:

20Spatafo hene Ariu de kɔma Ɔsɔfo panyin Onia. Mikyia wo.

21Ɛwɔ nhoma mu sɛ: Spatafo ne Yudafo yɛ anuanom, a wofi Abraham ase.

22Afei a yɛahu eyi no, momma yenhu nea ehia mo.

23Yɛkyerɛw wɔ yɛn fam sɛ, mo agyapade ne mo mmoa nyinaa yɛn de, na yɛn de nso yɛ mo de. Yɛasoma ahyɛ yɛn abɔfo sɛ, wɔne mo nni nkitaho.

Yonatan ne Simon kɔ so bɔ aporɔw

24Afei Yonatan tee sɛ Demetri asahene no asan aba de dɔm a wɔdɔɔso sen kan de no ne no rebɛko.

25Enti ofii Yerusalem, kohyiaa wɔn wɔ Hama mantam no mu, na ɔmaa wɔn kwan fow ne man no.

26Ɔsomaa akwansrafo kɔɔ wɔn mu, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ, atamfo no resiesie wɔn ho ne wɔn abɛko anadwo bi.

27Enti eduu anwummere no, Yonatan hyɛɛ n'asraafo no ma wɔyɛɛ krado, na obiara nsiesie ne ho mma ɔko no. Na ɔde a wɛnfo gyinagyinaa nsraban no ho hyiae.

28Atamfo no tee sɛ, Yonatan asraafo no asiesie wɔn ho ama ɔko no, wɔn koma tui, enti wɔsɔɔ ogya wɔ hɔ, san wɔn akyi.

29Nanso Yonatan asraafo no anhu kosii adekyee, a wohuu sɛ ogya no redɛw.

30Yonatan taa wɔn, nanso wanto wɔn, efisɛ na wɔatwa asubɔnten Eleuteru

31Enti Yonatan dan ne ho kɔtoaa Arabiafo a wɔfrɛ wɔn Sabadefo no dii wɔn so nkonim, fow wɔn ade.

32Afei ofii mpasua no so, kɔfaa Damasko mpɔtam hɔ nyinaa.

33Simon nso kɔbɔɔ nsra faa ɔman no afanan nyinaa kɔduu Askalon ne ne mmɛnkyɛnee a ɛhɔ yɛ den nyinaa. Ɔman kɔɔ Yopa, na mpofirim no, odii so nkonim.

34efisɛ ɔtee sɛ ɛhɔfo no asiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn hɔ no rema Demetri asomafo no. Enti ɔde asraafo tenaa hɔ bɔɔ ho ban.

35Bere a Yonatan san bae no, ɔne ne mpanyimfo tuu agyina sɛ wobesi beae a ɛyɛ den wɔ Yuda.

36na wɔato Yerusalem afasu no so akɔ soro, na wɔasi mpempe wɔ abandennen ne ahenkurow no ntam, nea ɛbɛyɛ a asraafo no ntumi ntɔn anaa wɔntɔ.

37Enti wɔde nkabom sii ahenkurow no fasu a ɛkyerɛ apuei bon a abu no bio, na osiesiei ɔfa a wɔfrɛ no Kyaphenata no.

38Simon nso sii Adida, a ɛwɔ Hyephela, ɔbɔɔ ho ban, sisii ɛho apon totoo mu.

Trifo kyere Yonatan

39Afei Trifo pɛe sɛ odi Asia so hene, na ɔhyɛ ahenkyɛw no, nti ɔtew ɔhene Antioku so atua.

40Osuroe sɛ Yonatan remma ho kwan, efisɛ ɔne no bɛko nti, ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛkyere no akum no, nti otuu anammɔn kɔɔ Bet-hyan

41Yonatan ne asraafo ɔpeduanan ne no kohyiaa mu, wɔ Bet-hyan.

42Trifo hui sɛ Yonatan de dɔm kɛse aba no, osuroe sɛ ɔde ne nsa bɛka no.

43Enti ohyiaa no fɛw so, kaa ne ho asɛmpa kyerɛɛ ne nnamfo nyinaa. Ɔkyɛɛ no ade, na ɔhyɛɛ n'asraafo no sɛ wontie no sɛ wɔbɛyɛ ama ɔno Trifo ara pɛ.

44Afei obisaa Yonatan sɛ: Dɛn nti na woahaw nnipa pii yi sɛɛ, wɔ mmere a, ɔko bi nni yɛn ntam?

45Gyaa wɔn ma wɔnkɔ wɔn afi mu, na paw nnipa kakra ka wo ho, na yɛnkɔ Polami. Mede kurow no, ne emu abandennen nyinaa bɛma wo ne w'asraafo ne wɔn asahene, na masan akɔ fie, na eno nti na mewɔ ha.

46Yonatan gyee nea ɔkae no dii, enti ogyaa n'asraafo no ma wɔsan kɔɔ Yuda asase so.

47Ogyaw n'asraafo mpensa pɛ kaa ne ho. Ɔsan gyaw mpensa no mu mpennu wɔ Galilea, na ɔne apem pɛ na ɛkɔɔ Yuda.

48Nanso bere a Yonatan hyɛn Polami no, emu nnipa no totoo kurow no apon nyinaa mu, na wɔkyeree no.

49Afei Trofo somaa asraafo kɔɔ Galilea ne sare kɛse no so, kokunkum Yonatan asraafo no nyinaa.

50Wohui sɛ Yonatan awu aka n'asraafo no ho no, wɔhyɛɛ wɔn ho nkuran, siesiee wɔn ho maa ɔko.

51Wɔn ataafo no hui sɛ wɔne wɔn bɛko no, wɔsan wɔn akyi.

52Enti wokoduu Yuda wɔ asomdwoe mu, na wɔyɛɛ Yonatan ne ne nnamfo no ayi. Na ehu kɛse kaa Israel, na wosuu no pii.

53Aman a atwa Israel ho ahyia no nyinaa pɛe sɛ wɔsɛe wɔn, efisɛ wose Israel nni Odikanfo anaa ɔboafo bi. Enti momma yɛnkɔtoa wɔn mpopa wɔn mfi ateasefo asase yi so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help