Yesaia 23 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Tiro ho atemmusɛm

1 Hes 26; 27 Tiro ho atemmusɛm.

Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo,

na wɔasɛe Tiro abandennen no, ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio!

Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn.

2Mo mpoanofo, monyɛ komm!

Sidon aguadifo a wotwa po no yɛɛ wo ma;

3na wɔfaa nsu bebree so

wo sika fi Sihor nnɔbae mu,

ne Nil ano awi bae,

na woyɛɛ amanaman mu aguadifo.

4Sidon, ma w’ani nwu;

na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ:

Mankyem na manwo mma da,

na manyɛn mmerante

na manturu mmabaa.

5Misraim te nka ara pɛ,

ebedi Tiro asɛm no ho yaw kɛse.

6Muntwa nkɔ Tarsis,

mo mpoanofo, muntwa adwo.

7So eyi ne mo ahurusidi kurow

a efi tete bemee

ne nan de no dɔɔ mu

kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no?

8 Adi 18.23 Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi

hyɛɛ Tiro abotirimafo no,

a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko,

na n’adetɔnfo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no?

9Asafo AWURADE abɔ ne tirim,

sɛ obegurow ahoɔfɛ ne ahantan nyinaa,

na wahura asase so anuonyamfo nyinaa ho.

10 Hiob 12.18, 21 Twam kɔ w’asase so sɛ Nil;

O Tarsis ahyɛn

nkyekyeremu bi nni hɔ bio.

11Wateɛ ne nsa akyerɛ po so,

wawosow ahenni horow,

AWURADE ahyɛ Kanaan so mmara sɛ

wɔnsɛe n’abankɛse.

12 Hes 28.21 Na ɔkae sɛ:

Nkɔ so nni ahurusi bio,

Sidon ba ababaa a wɔabɔ wo adapaa.

Sɔre na twam kɔ Kipro,

mpo ɛhɔ nso worennya ɔhome.

13Hwɛ, Kaldeafo asase no, ɔman yi a anka wɔnyɛ ɔman, Asiriafo ayi ama sare so mmoa, wosii wɔn abantenten wɔ so, wodwiridwiriw n’aban, na wɔma egui.

14Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo,

na wɔasɛe mo aban.

15Na da no ɛbɛba sɛ werɛ befi Tiro mfe aduɔson a ɛte sɛ ɔhene biako bere; mfirihyia aduɔson no akyi no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ aguaman dwom no:

16Fa ɔsanku

kyin kurow mu,

aguaman a werɛ afi wo,

bɔ sanku dɛdɛ,

na to dwom pii,

nea ɛbɛyɛ na wɔakae wo.

17Na mfe aduɔson no akyi no, AWURADE bɛba abɛhwɛ Tiro bio, na wasan anya n’apaade, na ɔne asase so ahenni a ɛwɔ asase ani nyinaa akɔbɔ aguaman bio;

18na n’aguade ne n’apaade bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetiri, na wɔrentia; na n’aguade bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no de, na wɔadi amee, na wɔafura ntama pa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help