Yesaia 58 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atoro ne nokware Nyamesom

1 Mika 3.8 Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so;

ma wo nne so sɛ torobɛnto,

na ka me man mmarato

ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.

2 Yes 43.26 Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara,

na wɔpɛ m’akwan ahu

sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee

na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ;

wobisa me hɔ asɛntrenee,

wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn.

3Wɔka sɛ: Ɛdɛn nti na yedi mmuada na wunhu,

yɛbrɛ yɛn kra ase na wunnim yi?

Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ nea mo ara mopɛ,

na moteetee mo adwumayɛfo nyinaa.

4Hwɛ, ɔham ne ntɔkwaw na mode di mmuada,

na mobɔ kuturuku atirimmɔden so.

Mo nnɛ yi mmuadadi yi

remma wɔnte mo nne ɔsoro.

5 Sak 7.5; Mat 6.16-18 So sɛ mmuada a mepɛ,

ɛda a onipa brɛ ne kra ase no te ni?

Sɛ obi si ne ti ase sɛ mmɛw

na ɔsɛw atweaatam ne nso da so a,

so eyi na wofrɛ no abuadadi

ne da a ɛsɔ AWURADE ani?

Mmɔborohunu na ɛsɔ Onyankopɔn ani

6Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ?

Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw,

ayiyi kɔndua nhama,

ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no

afa wɔn ho akodi,

na moabubu kɔndua nyinaa?

7 Mat 25.35 Ɛno ɛnyɛ eyi nso: Sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm,

na wode mmɔborɔfo, ohiani, ba wo fi,

sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho,

na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?

8 Yes 58.10; Nnw 37.6 Ɛno na wo hann begyigye sɛ adekyee,

na w’akwahosan afefɛw ntɛm;

wo trenee bedi w’anim,

na AWURADE anuonyam abɔ wo kyidɔm.

9 Yes 30.19 Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bebua,

wobɛteɛm, na ɔbɛka sɛ: Mini. Sɛ wuyi kɔndua fi wo mu,

nsatea teɛ ne ahuhukasa,

10na wode nea wo kra pɛ ma nea ɔkɔm de no,

na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔbɔ no mee a,

ɛno de wo hann bepue sum mu,

na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.

11 Yer 31.12 Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa yi,

na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo,

na wahyɛ wo nnompe mu den,

na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom,

ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ.

12 Yes 61.4 Na wo mufo bɛkyekye tete akurofo,

wobɛma awo ntoatoaso horow nhyɛase agyina,

na wɔafrɛ wo ɔpam agow,

nea ɔsesɛw akwan sɛ nnipa ntena hɔ.

Homedadi pa so nhyira

13 Yes 56.2, 4 Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no,

woanyɛ nea wopɛ,

na wofrɛ homeda sɛ anigyede,

ne AWURADE da kronkron no

sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni,

na woamfa wankasa akwan so,

na woanyɛ nea wo ara wopɛ,

na woankeka nsɛm a,

14ɛno na w’ani begye AWURADE ho,

na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔmmea so,

na mɛma woadi w’agya Yakob agyapade no,

efisɛ AWURADE ano na aka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help