1 2 Sa 7.2, 3; 12.1 Ɔno akyi no, Natan sɔree
na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Dawid bere so.
Dawid2 1 Sa 17.34—18.7; 2 Sa 5.7; 8.1; 12.13 sɛnea wɔpaw srade, fi asomdwoe afɔrebɔde ho no,
saa ara na wɔpaw Dawid fii Israelfo mu nen.
3Ɔne agyata dii agoru te sɛ nguammaa
ne sisi sɛ nguanten mma.
4So ɛnyɛ ne mmerantebere mu na okum nnipa akɛse,
na oyii ne man ahohora fii hɔ,
bere a ɔde ɔboba hyɛɛ tae mu tow,
de kɔbɔɔ Goliat ɔhomasofo no, ma ɔtew hwee fam no?
5Efisɛ ɔbɔɔ Awurade, Ɔsorosoroni no din srɛɛ no,
Na ɔhyɛɛ ne nsa nifa mu den
sɛ ɔde bɛbɔ ɔkofoni katakyi ahwe fam,
de akyerɛ ne nkurɔfo tumi.
6Nti wɔhyɛɛ no anuonyam wɔ ne mpemdu a odii wɔn so no ho,
na wɔkamfoo no wɔ Awurade nhyira a ɔde ama no no ho,
bere a wɔbɔɔ no anuonyam abotiri no.
7Odii n’atamfo so wɔ afanan nyinaa,
na ɔsɛe n’atamfo Filistifo no pasaa,
ɔbrɛɛ wɔn tumi ase de besi nnɛ da yi.
8N'adeyɛ nyinaa mu, ɔde nnaase maa
Ɔkronkronni no, Ɔsorosoroni no, bɔɔ no abodin, hyɛɛ no anuonyam,
ɔtoo ayeyi dwom ne koma nyinaa mu,
na ɔwɔ ɔdɔ ma ne Yɛfo no.
9Ɔde nnwontofo gyinagyinaa afɔremuka no anim,
sɛ wɔmfa wɔn nne nto nnwom dɛdɛ.
10Ɔmaa afahyɛ ahorow no yɛɛ fɛ.
na ɔhyehyɛɛ bere maa wɔn wɔ afe mu no nyinaa no mu;
na wɔgu so reyi Onyankopɔn din kronkron ayɛ no,
na kronkronbea hɔ nnwonto no hyɛɛ ase anɔpa.
11Awurade de ne bɔne kyɛɛ no,
na ɔmaa no tumi afebɔɔ;
Ɔne no yɛɛ ahenni ho apam
wɔ Israel anuonyam ahenni no ho.
Solomon12Ɔno akyi no ɔba nyansafo sɔree,
na ɔno nti onyaa asomdwoe.
13 1 Ah 4.21-32 Solomon dii hene wɔ asomdwoe bere mu
efisɛ Onyankopɔn maa no ahotɔ wɔ n'ahye nyinaa so,
ma osii dan wɔ ne din mu,
na osiesiee kronkronbea hɔ ma etim hɔ afebɔɔ.
14Bere a wosua no na woyɛ nyansafo!
Na woboro so sen asubɔnten Nil wɔ ntease mu.
15Wo tumi kataa asase nyinaa so,
na wokyerɛw mmɛbusɛm a emu dɔ pii.
16Wo din koduu nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri noho,
na wɔpɛɛ w’asɛm wɔ w’asomdwoe ho.
17Wo nnwom, wo mmebusɛm, ne wo abasɛm,
na wo mmuae a wode mae yɛɛ amanaman nwonwa.
18 1 Ah 10.21, 27 Awurade Nyankopɔn ne din mu,
Ɔno a wɔfrɛ no Israel Nyankopɔn no,
woboaboaa sika ano sɛ nkankyee,
na wonyaa dwetɛ pii sɛ sumpii.
19 1 Ah 11.1 Nanso wode mmea bɛdaa wo ho,
na ɛnam wo honam akɔnnɔ so ma wɔhyɛɛ wo so.
20Woguu w'anuonyam ho fi,
woguu w’abusuafo ho fi,
ma wohyɛɛ wo mma abufuw,
na wodii yaw wɔ wo nkwaseade no ho,
21 1 Ah 12.15-20 efisɛ mpaepaemu baa ahenni no mu,
na otuatewfo bi sɔre fii Efraim mu bae.
22 2 Sa 7.15 Nanso Awurade mmɔborohunu rensa da,
na n'adwuma nso rensɛe da;
Ɔrempopa ne mma a woapaw wɔn no asefo da,
na worensɛe abusua a wodɔ wɔn no;
nti ɔde aseni bi maa Yakob
na onipa no fi Dawid ase ne n'abusua mu.
Rehoboam ne Yeroboam23 1 Ah 11.43; 12.10-30; 2 Ah 17.6, 18 Solomon kɔɔ ne nsumankyiri
na ne ba biako dii n'ade,
nkwaseade a ntease nni mu,
Rehoboam amanyɔsɛm maa ɔmanfo tew atua.
Afei Nebat ba barima Yeroboam maa Israel yɛɛ bɔne
na ɔmaa Efraim yɛɛ bɔne.
24Wɔn bɔne kɔɔ so pii ara,
kosii sɛ wotuu wɔn fii wɔn asase so.
25Efisɛ wɔyɛɛ amumɔyɛde pii,
kosii sɛ aweretɔ baa wɔn so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.