Yesaia 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Babel ho atemmusɛm

1 Yes 47.1-15; Yer 50.1—51.64 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni:

2 Yes 13.17 Munsi frankaa bepɔw petee so,

momma mo nne so mma wɔn,

munhinhim mo nsa,

na wɔnhyɛn mmapɔmma abobow mu.

3M’ankasa na mahyɛ m’ahotewfo,

na mafrɛ me nnɔmmarima nso mama m’abufuw,

wɔn a wodi me kɛseyɛ ho ahurusi no.

4Tie osebɔ gyegyeegye wɔ mmepɔw so,

sɛ nkurɔfo bebree nne te no.

Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano,

ahenni horow huuyɛ gyegyeegye,

asafo AWURADE rehwehwɛ

asraafo akɔ sa.

5Wofi akyirikyiri asase so

ne ɔsoro awiei reba,

AWURADE ne n’abufuhyew akode no,

sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

6 Yoel 1.15 Munsu na AWURADE da no abɛn;

ɛreba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.

7Enti nsa nyinaa mu begow,

na ɔdesani biara koma bebubu;

8na wɔn ho bedwiriw wɔn,

nketenkete ne awerɛhow bekita wɔn,

wobehu yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo;

wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa,

wɔn anim bɛyɛ sɛ ohufo anim.

9Hwɛ, AWURADE da no reba,

atirimmɔden ne anibere ne abufuhyew,

sɛ ɔrebɛdan asase no afo,

na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so.

10 Amos 5.8; Hiob 9.9; Hes 32.7; Yoel 2.10; 3.4, 15; Mat 24.29 Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini

renhyerɛn,

owia beduru sum n’adifi mu,

na ɔsram nso renharan.

11Na mɛba mabɛtwe wiase aso, ne bɔne ho,

ne abɔnefo aso, wɔn amumɔyɛ ho,

na mama ahantanfo ahomaso no to atwa,

na ahupoofo ahokyerɛ abrɛ ase;

12 1 Ah 9.28 mɛma ɔdasani ho ayɛ na asen sika amapa,

na onipa sen Ofir sika kɔkɔɔ.

13Enti mɛma ɔsoro awosow,

na asase ahinhim afi ne sibea,

asafo AWURADE abufufa no ano

ne n’abufuhyew da no nti.

14Na wɔbɛdannan wɔn ho akokɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn,

na wɔaguanguan akokɔ wɔn nsaase so

sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo taa no,

ne nguan a obi mmoa wɔn ano.

15Obiara a wobehu no no, wobehwirew no mu,

na obiara a wɔbɛkyere no, no bɛtɔ nkrante ano;

16 Nnw 137.8-9 na wɔbɛposa wɔn mmotafowa,

wɔn anim,

wɔbɛfofow wɔn afi,

na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.

17Hwɛ, merehwanyan Mediafo mahyɛ wɔn,

nnipa a wommu dwetɛ,

na sika nso, wɔnhwehwɛ;

18 Yes 13.16 wɔn mmɛmma bɛbobɔ mmerante,

wɔn yam renhyehye wɔn ɔyafunum mma po ho,

na wɔn aniwa renkyɛe mmofra so.

19 Gye 19.24-25 Na Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini,

ne Kaldeafo kɛseyɛ anuonyam no,

ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a

Onyankopɔn butuw wɔn no.

20Obi rentena mu da biara da,

na obi renkɔtena hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu,

na Arabiani biara rensi ntamadan hɔ,

na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ;

21na sare so mmoa a wɔyɛ keka na wɔbɛdeda hɔ,

na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama,

na nsohori nso bɛtena hɔ,

na sasabonsam asaw hɔnom;

22 Yes 34.10-15 na nkuntumpaa besu n’aban mu,

ne sakraman nso, anigye aban no mu.

Na ne bere abɛn a ɛreyɛ aba,

na ne nna renkyɛ bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help