1Me kra, hyira AWURADE.
AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse,
woahyɛ ɔharan ne anuonyam.
2Wufura hann sɛ ntama,
wotrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam,
3wode wo mpia sɛm nsu so,
wode amununkum yɛ wo teaseɛnam,
wode mframa ntaban nenam.
4 Heb 1.7 Wode mframa yɛ w’abɔfo,
wode gya a ɛdɛw yɛ w’asomfo.
5Wode asase atim ne nnyinaso so,
na anhim da biara da.
6Wode ebun kataa so sɛ atade,
nsu gyinaa mmepɔw so,
7 Hiob 38.8-11 w’animka nti eguanguanee,
wo prannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔe,
8mmepɔw momaa wɔn ho so,
ɛsen kokɔɔ abon mu,
nea woasiesie ama wɔn hɔ.
9Woatwa ɔhye sɛ ɛnntra,
na ansan ammɛkata asase so.
10Oyi nsuaniwa, abon mu,
ɛsen nenam mmepɔw ntam,
11Ɛma wuram mmoa nyinaa nom bi,
torɔm de kum wɔn sukɔm.
12Ɛso na wim nnomaa tetee,
nnubaa mu na wofi ma wɔn nne so.
13Ofi ne soro mpia mu gu mmepɔw so nsu,
wo nnwuma so aba mee asase.
14 Nnw 147.8 Ɔma wura fifi ma afieboa,
ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma,
sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu.
15 Ate 9.13; Ɔsɛ 10.19 Na nsa ama ɔdesani koma atɔ ne yam,
na wama ngo ayɛ onipa anim hyɛɛhyɛɛ,
na aduan awowaw ɔdesani koma.
16Wɔma AWURADE nnua nso mee,
Lebanon nkyeneduru a oduae no.
17Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw,
asukɔnkɔn wɔ ne fi, ɔpopaw nnua so.
18Mmepɔw atenten yɛ guankɔbea ma akakragya,
na abotan yɛ ma nkukuban.
19 Nnw 19.6; 74.16 Ɔyɛɛ ɔsram sɛ ɛnkyerɛ bere mu nsakrae,
owia nim ne tɔbere.
20Woma sum duru, na ade sa,
ɛno mu na kwae mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.
21Gyataforo bobom di mmoa akyi,
na wɔkɔpɛ wɔn aduan, Onyankopɔn nsam.
22Owia pue a, wɔtwe wɔn ho,
na wobutubutuw wɔn atu mu.
23Onipa fi kɔ n’adwuma
ne ne dwumadi ho kosi anadwofa.
24AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara,
nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa,
w’abɔde ahyɛ asase so ma.
25Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛw haharaa,
ɛhɔ na mmoa manyamanya a enni ano nennamee,
mmoa nketewa ne akɛse.
26Ɛhɔ na ahyɛn nennamee,
bonsu a woyɛɛ no sɛ ongoru mu no ni.
27 Nnw 145.15-16 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
sɛ ma wɔn wɔn aduan, ne bere mu.
28Woma wɔn, na wɔtase,
wubue wo nsam, na adepa mee wɔn.
29 Gye 3.19 Wuhintaw w’ani, na wɔpatuw wu,
wuyi wɔn ahome, na wogyaa mu,
na wɔsan kɔ wɔn mfutuma mu.
30Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn,
na woma asase ani yɛ foforo.
31Ma AWURADE anuonyam ntena hɔ daa,
ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu.
32 Nnw 144.5 Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosow,
ɔka mmepɔw na efi wusiw.
33Mete ase yi, mɛto dwom mama AWURADE,
mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyi dwom mama me Nyankopɔn.
34Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ,
na me nso m’ani begye AWURADE ho.
35Ma nnebɔneyɛfo nsa, asase so,
na mma abɔnefo nntena hɔ bio.
Me kra, hyira AWURADE.
Munyi AWURADE ayɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.