1Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.
2Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.
3Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.
4Yiw, mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi.
5Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifo nyinaa mmiako mmiako baa ne nkyɛn see nea odi kan no sɛ: Wode me wura ka ahe?
6Na ose: Ngohina ɔha. Na osee no sɛ: Gye wo nhoma, na tena ase ntɛm kyerɛw aduonum!
7Ɛnna osee ɔfoforo sɛ: Na wo nso, ahe na wode? Na ose: Mede awi nkotoku ɔha. Na osee no sɛ: Fa wo nhoma, na kyerɛw aduɔwɔtwe!
8Ahonyade kwan pa
9 Ɔsom afanu
13 Yesu ka Farisifo anim
14 Ɔdefo ne ohiani no
19 Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa.
20Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano.
21Na ne kɔn dɔe sɛ odi mporoporowa a efi ɔdefo no pon so agu fam no bi mee; nanso akraman bae bɛtaforoo n’akuru mu.
22Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.
23Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman no, na ɔwɔ aninyanne kɛse mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom.
24Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.
25Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.
26Na eyi nyinaa nna nkyɛn, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn no ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ noho ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.
27 Na ose: Ɛnne, agya, mesrɛ wo sɛ soma no ma ɔnkɔ m’agya fi;
28na mewɔ nuammarima baanum, na onkodi adanse nkyerɛ wɔn, na wɔn nso amma aninyanne mu ha yi bi.
29
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
