Habakuk 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Habakuk Nsɛmmisa a edi kan

1Eyinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifo Habakuk.

2AWURADE, menteɛm nkosi da bɛn ara,

na wubetie me?

Nhyɛso nti misu mefrɛ wo,

nanso worennye me so

3Ɛdɛn nti na woma mihu abusude,

na wohwɛ ɔhaw pii yi?

Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim,

na ɔham ba, na akameakame sɔre.

4Enti mmara mu agow,

na atɛntrenee nni hɔ bio,

efisɛ abɔnefo twa ɔtreneeni ho hyia,

enti atemmu akyea.

Kaldeafo so atemmu

5 Aso 13.41 Monhwɛ amanaman mu na munhu,

na mo ho nnwiriw mo pa ara,

na mereyɛ adwuma bi, mo bere so a,

wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.

6Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafo,

ɔman a wɔn tirim yɛ den,

na wɔn ho yɛ hare a wɔnantew asase so nyinaa,

fa tenabea a ɛnyɛ wɔn de di so.

7Wɔn ho yɛ hu ne ahometew,

wɔyɛ ahantanfo a wɔyɛ nea wɔpɛ.

8 Sef 3.3; Mat 24.28 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ,

na wɔn ho yɛ hu yiye sen anadwofa mpataku,

na wɔn apɔnkɔ tew praka,

na wofi akyirikyiri reba,

wotu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ ntɛm akɔ adidi.

9Wɔn nyinaa reba anibere so,

na wɔde wɔn ani akyerɛ apuei fam,

na wɔtase nnommum sɛ anwea.

10Wɔn de, wosi ahene atwetwe

na abirempɔn ho yɛ wɔn serew,

wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa,

na wɔboa dɔte ano gu hɔ na wɔfa.

11Ɛno na wotwam sɛ mframa,

na wɔsen kɔ, na wokodi so;

wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.

Habakuk Nsɛmmisa a ɛto so abien

12 Yer 10.24 AWURADE, me Nyankopɔn,

me kronkronni, so womfi tete nteredee?

AWURADE wo ne ɔbotantim, yɛrenwu,

na mmom hyɛ ara na woahyɛ Kaldeafo

sɛ wommu yɛn atɛn

na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ.

13Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne

na wuntumi nhwɛ ɔhaw,

ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo,

na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a,

woyɛ komm?

14Na woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa,

sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn so.

15Saa nti ɔtamfo no de darewa atwe wɔn nyinaa,

ɔde asawu twe wɔn,

na ɔboa wɔn ano ne kyerɛnkyɛ mu;

enti n’ani gye na ne ho sɛpɛw no,

16Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre

na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no,

efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade,

na n’aduan dɔɔso.

17So ɛno nti ɔnkɔ so mporow n’asawu mu,

na okunkum amanaman

a ahummɔbɔ nni mu?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help