Habakuk NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUOdiyifo Habakuk nhoma yi fi mmere a na aka kakraa bi na mfe ahansɔn ansa na wɔawo Kristo no reba n’awiei. Ɛyɛ mmere a Babelfo di tumi. Na ɛhaw Odiyifo no yiye, sɛ ohuu saa nnipa yi atuatew ne wɔn atirimmɔden no, na obisaa AWURADE sɛ: Enti adɛn na woayɛ komm na wɔsɛe nnipa a wɔyɛ atreneefo sen wɔn? (1: 13) Na AWURADE buaa no sɛ: Mmere a ɛsɛ mu no, wobehu ne tumi, na ansa na wobehu ne tumi no, wɔn a wɔyɛ atreneefo bɛtena ase, efisɛ wɔyɛ anokwafo ma Onyankopɔn (2.4).Nhoma no nkae hyɛ nkɔm sɛ: Onipa bɔnefo behu amane, na ɔde nnwom wie, de kamfo Onyankopɔn kɛseyɛ na eyi ɔkyerɛwfo no adi sɛ ɔyɛ onipa a ɔwɔ gyidi.EMU NSƐMHabakuk anwiinwii ne AWURADE mmuae 1.1—2.4Abɔnefo akatua 2.5-20Habakuk mpaebɔ 3.1-19