1Na ɔkɔm bi baa Dawid bere so mfe abiɛsa, afe toa afe so. Na Dawid kobisaa AWURADE. Na AWURADE buae sɛ: Saul ne ne mogya fi ne okum a okum Gibeonfo ntia.
2Yos 9.15, 19 Na ɔhene frɛɛ Gibeonfo no ka kyerɛɛ wɔn, nso Gibeonfo no mfi Israelfo mu na wɔyɛ Amorifo nkae no bi, nso Israelfo aka wɔn ntam, nanso Saul hwehwɛe sɛ okum wɔn, ne mmɔden a ɔbɔ maa Israel ne Yudafo no mu,
3na Dawid ka kyerɛɛ Gibeonfo no sɛ: Dɛn na menyɛ memma mo? Na ɛdɛn na memfa mempata na moahyira AWURADE agyapade?
4Na Gibeonfo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ dwetɛ ne sika asɛm na yɛne Saul ne ne fi wɔ, na ɛnyɛ Israel mu bi na yɛrepɛ no akum no. Na ose: Dɛn na muse menyɛ memma mo?
5Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛw yɛn a otuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no,
6Num 25.4 ma wɔmfa ne mma mu mmarima baasɔn mma yɛn na yɛnsensɛn wɔn mma AWURADE wɔ Saul a AWURADE faa no no kurow Gibea mu. Na ɔhene se: Mɛma.
71 Sa 20.15-17 Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntam, na ɛda Dawid ne Saul ba Yonatan ntam no nti, ɔhene kyɛe Saul ba Yonatan ba Mefiboset so.
8 2 Sa 3.7; 1 Sa 18.19 Na ɔhene faa Aia babea Rispa mmammarima baanu a ɔwo maa Saul, Armoni ne Mefiboset, ne Saul babea Mikal mmammarima baanum a ɔwo maa Meholani Barsilai ba Adriel no,
9na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa, na wɔsensɛn wɔn bepɔw no so AWURADE anim, na wɔn baasɔn no totɔe prɛko. Na wokunkum wɔn twabere nna a edi kan mu, atokotwa mfiase mu.
10Na Aia babea Rispa faa atweaatam de trɛw ɔbotan no so fae fii twabere mfiase no kosii sɛ osu fi soro guguu wɔn so, na wamma wim nnomaa ammesisi wɔn so awia, na wuram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.
11Na wɔbɛkaa nea Aia ba Rispa, Saul yefam no, yɛe no kyerɛɛ Dawid.
121 Sa 31.12 Na Dawid kɔe kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe Yabes-gileadfo nsam, na wɔn na wokowiae Bet-san abɔnten so, nea Filistifo de sensɛnee da a Filistifo kum Saul wɔ Gilboa no.
13Na ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe fii hɔ bae na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛn wɔn no nnompe ho.
142 Sa 24.25 Na wosiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ nea ɔhene hyɛɛ wɔn nyinaa. Na ɛno akyi no, Onyankopɔn dom asase no.
Filistifo akofo so nkonimdi15Nso Filistifo ne Israel dii ako bio. Na Dawid ne ne nkoa sian kɔe ne Filistifo no kɔkoe; na Dawid brɛe.
16Na Yisbi-benob a ɔyɛ abran mma no mu bi a ne peaw duru kari kɔbere nnwetɛbona ahasa na ɔde nkrante foforo abɔ no kae sɛ ɔrebekum Dawid.
172 Sa 23.18 Na Seruia ba Abisai boaa no, na ɔbɔɔ Filistini no kum no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn mmfi nnkɔ ɔsa bio na wɔannum Israel kanea.
18 1 Be 20.4-8 Eyi akyi no wɔne Filistifo nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kum Saf a ɔyɛ abran mma no mu bi no.
191 Sa 17.7 Na wɔne Filistifo nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kum Gatni Goliat a ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua.
20Na ɔko bae bio wɔ Gat. Na ɔbarima tenten bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsatea ne nansoa asia asia ma ano si aduonu anan, na ɔno nso yɛ abran no bi ba.
211 Sa 17.10 Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid ne nua Simea ba Yonatan kum no.
22Baanan yi yɛ Gat abran no bi mma, na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.