Yosua 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn yi Yosua kyerɛ no nea ɔnyɛ

1Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ:

2Deut 34.5 M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so.

3 Deut 11.24 Baabiara a mo nan betia no, mo na mede mɛma mo, sɛnea meka mekyerɛɛ Mose no,

4efi sare no so ne Lebanon yi ho de kosi asu kɛse no, asubɔnten Eufrate ano, Hetifo asase nyinaa de kosi po kɛse no ano wɔ nea owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hye.

5 Deut 31.8; Heb 13.5 Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.

6Deut 3.28; 31.7, 23 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

7Deut 5.32; 1 Ah 2.3 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye.

8Nnw 1.2-3 Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.

9Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.

Yosua Kyerɛ Ɔman Adikanfo no Nea wɔnyɛ

10Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfo no sɛ:

11Momfa nsra no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so.

12Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

13Num 32.20 Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;

14mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuw ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo de, munni mo nuanom anim amia mu, akofofo nyinaa, na munni mmoa wɔn,

15nkosi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wobedi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasan aba mo sodi asase no so abedi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapuei hɔ no.

16Na wobuaa Yosua sɛ: Nea woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.

17Sɛnea yetiee Mose, nsɛm nyinaa no, saa ara na yebetie wo; odi na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi, sɛnea odii Mose akyi no.

18Yos 1.6 Obiara a ɔbɛtew w’anom asɛm ho atua na ɔrentie wo nyɛ nea wobɛhyɛ yɛn nyinaa no, wonkum no. Den nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help