1 1 Ah 10.1-28 Na Seba hemmaa tee Solomon nka, na ɔbae sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ara ne yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika pii ne abohene baa Yerusalem. Na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ.
2Na Solomon buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhintaw Solomon a wanka ankyerɛ no.
3Na Seba hemmaa no huu Solomon nyansa ne ofi a wasi,
4ne ne pon so nnuan, ne ne nkoa atenae, ne n’asomfo agyinae ne wɔn ntade, ne ne nsahyɛfo ne wɔn ntade, ne n’aforoe a ɔnam so kɔ AWURADE fi no, ne ho dwiriw no.
5Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nsɛnnii ne wo nyansa ho asɛm a metee m’asase so no yɛ nokware,
6na mannye wɔn nsɛm no manni de besii sɛ mebae na mede m’aniwa mabehu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa po, wosen nka a metee no.
7Luka 10.23 Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no.
8Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’agua so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel sɛ ɔde no betim hɔ de akosi daa nti na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmude ne treneede.
9Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛse ɔha aduonu ne nnuhuam pii pa ara ne abohene, na nnuhuam a ɛte sɛ nea Seba hemmaa no de maa ɔhene Solomon no so bi amma bio.
10Na Huram nkoa ne Solomon nkoa a wɔde sika fi Ofir bae no nso de abako nnua ne abohene bae.
11Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fi ne ɔhene fi atrapoe ne asankuten ne mmɛnta asanku maa nnwontofo no. Na wonhuu saa ade no bi pɛn Yuda asase so.
12Na ɔhene Solomon maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae no nyinaa, ɛsono nea ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sanee siim kɔɔ n’asase so.
Solomon ahonya(1 Ahene 10.14-25)13Nso sika a ɛba Solomon nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia,
14ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne nea abatafo de ba. Na Arabia ahene nyinaa ne asase no so amradofo no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Solomon.
15Na ɔhene Solomon de sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahanu, sika a wɔaboro nnwetɛbona ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho.
16Na ɔyɛɛ sika a wɔaboro akyɛm ahasa, sika nnwetɛbona ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kosiee Lebanon kwae dan no mu.
17Na ɔhene de asonse yɛɛ ahengua kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho;
18na agua no wɔ atrapoe asia, na sika ntiaso wɔ agua no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha atenae no ho, na agyata abien gyinagyina nsa no ho;
19na agyata dumien gyinagyina hɔ wɔ atrapoe asia no so ɛha ne ha: Wɔnyɛɛ saa bi da ahenni biara mu.
20Na ɔhene Solomon ade a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon kwae dan mu nneɛma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu: Wommu no hwee Solomon bere so.
21Na ɔhene wɔ ahyɛnkuw a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfe abiɛsa biara, Tarsis ahyɛn no ba pɛnkoro de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne akokɔnini abankwa.
22Na ɔhene Solomon soe sen asase so ahene nyinaa, adedodow ne nyansa fam.
23Na asase so ahene nyinaa hwehwɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no bi.
24Na wɔde wɔn ayɛyɛde ba mmiako mmiako, dwetɛ nneɛma ne sika nneɛma ne ntade, akode ne nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, afe biara ne ne de.
252 Be 1.14-17; 1 Ah 4.26 Na Solomon wɔ apɔnkɔ adan mpemnan, ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ɔpedumien, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.
26Na odii ahenni nyinaa so de fi asu ano de kosii Filistifo asase so ne Misraim hye so.
27Na ɔhene maa dwetɛ yɛe sɛ abo, Yerusalem, na nkyeneduru nso ɔma ɛyɛe sɛ ankye nnua a ɛwɔ tataw so no dodow.
28Na wɔde apɔnkɔ fii Misraim ne nsaase nyinaa so brɛɛ Solomon.
Solomon wu(1 Ahene 11.41-43)29 1 Ah 11.41-43 Na Solomon ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, so wɔankyerɛw odiyifo Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne ɔdehwɛfo Ido adehwɛ a ɔhwɛe Nebat ba Yeroboam ho no mu? 1 Ah 11.29
30Na Solomon dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirihyia aduanan.
31Na Solomon wui, na wosiee no n’agya Dawid kurow mu. Na ne ba Rehoboam bedii n’ade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.