1Eyi akyi no, ankyɛ biara na Lisia a ɔyɛ ɔhene no wɛmfo, ne ne busuani a wɔde aban no ahyɛ ne nsa no, huu nea aba no, ne bo fuwii.
2Enti ɔkaa nnipa bɛyɛ mpem aduowɔtwe boaa ano, a apɔnkɔso asraafo nyinaa ka ho, na wɔbɛtoaa Yudafo. N'adwene ne sɛ ɔde ahenkurow no bɛyɛ Helafo de.
3na wagyigye tow wɔ asɔrefi hɔ, sɛnea wagyigye bi wɔ kronkronbea ahorow wɔ aman bi so no, na watɔn ɔsɔfopɔn gyinabea no afe biara.
4Wansusuw Onyankopɔn tumi ho hwee koraa, efisɛ ɔwɔ asraafo ɔpedu a wɔnam fam, apɔnkɔso asraafo mpempem, ne asono aduwɔtwe no nti, wammu hwee.
5Ɔkɔtoaa Yudea, a ɛbɛn Betsur a ɛyɛ beae a wɔabɔ ho ban no, efi hɔ kɔ Yerusalem yɛ bɛyɛ akwansin anum, na otuu so sa dennennen.
6Bere a Makabe ne n'asraafo no tee sɛ Lisia akɔtoa aban dennen no, ɔne ne manfo no nyinaa de agyaadwotwa ne nusu kotow srɛɛ AWURADE sɛ ɔnsoma ne bɔfo pa ma ɔmmegye Israel.
7Makabe ankasa na odii kan bɔɔ ntoa, na ɔhyɛɛ nkaefo no sɛ wɔmfa wɔn nkwa nto hɔ mma wɔmfa mmoa wɔn nuanom. Nti wɔn nyinaa de anibere boom kɔe.
8Ɛhɔ no, wɔda so ara rebɛn Yerusalem no, ɔpɔnkɔsotefo bi bedii wɔn anim a, ɔhyɛ atade fitaa na ohinhim sika akode.
9Na wɔn nyinaa boom yii Onyankopɔn ayɛ, na wɔhyɛɛ wɔn ho den, wɔn komam. Afei wɔyɛɛ krado sɛ: Ɛnyɛ nnipa nko na wɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na mmom mmoa a wɔyɛ keka, anaa dade a ɛhyɛ afasu mu mpo no, wobetiw afa so.
10Wotuu santen sɛnea ɔsatu nhyehyɛe te, a na wɔn soro boafo ka wɔn ho, na AWURADE huu wɔn mmɔbɔ.
11Wɔtow hyɛɛ atamfo no so sɛ agyata, na wokunkum wɔn mu nnipa mpem dubiako, ne apɔnkɔso asraafo apem ahansia, na wɔhyɛɛ nkaefo no ma woguan guu nwuram.
12Wɔn mu dodow de adagyaw na fii nsa, a na wɔapirapira; na Lisia de, oguanee wɔ animguase mu.
Lisia ne Yudafo no yɛ Asomdwoe apam13Na esiane sɛ ɔyɛ ɔbadwemma nti, ɔdwenee nkogu a wɔadi no ho, na ohuu sɛ: Hebrifo no yɛ nkurɔfo bi a wontumi nnka wɔn nngu, esiane sɛ Otumfo Nyankopɔn ko maa wɔn. Nti ɔsoma kɔɔ wɔn hɔ,
14na ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma wonsiesie biribiara asomdwoe mu, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛkasa de akyerɛ ɔhene no, na ɔne wɔn afa nnamfo.
15Makabe pɛ biribiara yiye nti, ɔpenee nea Lisia kae no nyinaa so. Na ɔhene maa Yudafo on abisade biara a Makabe kyerɛwee maa Lisia no.
16Nhoma a Lisia kyerɛw brɛɛ Yudafo no, mu asɛm ni: Lisia de kɔma Yudafo no, mikyia mo.
17Yohane ne Absalom, a mosomaa wɔn no, de nhoma a mo kyerɛwee, a mo nsa hyɛ ase no aba, na nea moabisa ne sɛ nsɛm a ɛwom no te dɛn?
18Mabɔ ɔhene amanneɛ wɔ biribiara a ehia sɛ wɔde to n’anim no ho, na wapene sɛ nea obetumi biara no, ɔbɛyɛ.
19Sɛ mobɛpɛ aban no yiye a, mɛbɔ mmɔden sɛ daakye mɛboa wɔ mo yiyedi ho.
20Na ɛfa saa nsɛm no, ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, mahyɛ saa nnipa yi ne m’ananmusifo no sɛ, wɔne mo mfa ho adwene.
21Mikyia mo. Afe a ɛto so ɔha Aduanan awotwe, ɛyɛ Dioskorinti afe a ɛtɔ so aduonu anan.
Ɔhene nhoma a de kɔmaa Lisia22Saa na ɔhene no nhoma no te ni: Ɔhene Antioku de ne nkyia brɛ ne nua Lisia.
23Afei a yɛn agya akɔka nananom anyame ho yi, yɛpɛ sɛ ahemman no mu mma no, toto wɔn nsɛm a ɔhaw biara nni mu.
24Yɛate sɛ Yudafo no mpene sɛ wɔbɛsakra afa yɛn nenanom Helafo amammerɛ no. Mmom wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa kwan so bɔ bra, nti wɔpɛ sɛ wɔpene so mma wɔn na wodi wɔn ankasa amammerɛ so.
25Sɛnea ɛte no, esiane sɛ yɛpɛ sɛ ɔman yi ankasa nso nya ahotɔ fi ɔhaw mu nti, yɛasi no gyinae sɛ: Wɔmfa wɔn asɔrefi no, nsan mma wɔn bio, na wɔmfa wɔn nananom tete amanne kwan so mmɔ wɔn bra.
26Eyi nti, eye ma wo sɛ wobɛsoma akɔka akyerɛ wɔn na fa ayɔnkofa anohoba ma wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhu yɛn nhyehyɛe na wɔn ani agye, na wɔn koma atɔ wɔn yam sɛnea wɔn ara bɛbɔ wɔn bra.
27Ɔhene no nhoma a ɔde kɔmaa Yudafo no, mu asɛm no ni: Ɔhene Antioku kyerɛw kɔma Yudafo mmarahyɛbaguafo ne Yudafo nkae no, kyia wɔn.
28Sɛ mo ho te yiye a, na nea yɛrehwehwɛ ara nen. Yɛn nso yɛn ho ye.
29Menelau ama yɛate sɛ, mopɛ sɛ mosan ba fie, na mo ankasa bɛbɔ mo bra.
30Ne saa nti, wɔn a wɔbɛkɔ fie Hantiku afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, benya yɛn ayɔnkofa bɔhyɛ no
31sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo no ani begye wɔn mmara ne wɔn aduan ho, sɛnea na ɛte kan no, na wɔn mu biara nni hɔ a wɔbɛhaw no wɔ ɔkwan biara so wɔ biribiara a wɔammoapa fom yɛe no ho.
32Na masoma Menelau sɛ ɔmmɛhyɛ mo nkuran.
33Yɛakra mo. Kantikus a ɔto so dunum, afe a ɛto so ɔha aduanan awotwe.
34Romafo no nso de nhoma kɔmaa wɔn; na emu nsɛm ni Kuintu Memmiu ne Tito Manlu, Romafo asomafo no de wɔn nkyia brɛ Yudafo no.
35Ɛfa nea Lisia, ɔhene busuani no de ama mo no, yɛn so yɛpene so.
36Mmom nsɛm a ɔbobɔɔ no pɔw maa mo no, sɛ mo susuw ho wie a, ɛsɛ sɛ ɛba ɔhene anim. Montu obi na ɔmmra ntɛm ara, na ama yɛasusuw nea ɛfata ama mo. Yɛn nan si kwan so a yɛrekɔ Antiokia.
37Ne saa nti monyɛ ntɛm ntu asomafo ma wɔmfa ho mmuae mmra.
38Yɛakra mo. Afe a ɛto so ɔha aduanan awotwe, Hantiku da a ɛto so dunum.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.