Sefania 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abufuw da no

1 Yer 1.2 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so ni.

2Ɔpra na mɛpra ade nyinaa

afi asase ani makɔ, Awurade asɛm ni.

3 Mat 13.41 Mɛpra onipa ne aboa akɔ,

mɛpra wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ,

ne hintidua ɛne abɔnefo,

na matwitwa nnipa afi asase ani agu,

Awurade asɛm ni.

4 2 Ah 23.5; Hos 10.5 Na mɛteɛ me nsa, Yuda so

ne Yerusalemfo nyinaa so,

na metwa Baal nkae

ne abosom asɔfo no din afi ha yi agu,

5 Yer 19.13; 49.1 ne wɔn a wɔsɔre ɔsoro asafo,

adan atifi, ne asɔrefo a wɔkeka Awurade ntam

na wɔkeka wɔn hene ntam,

6ne wɔn a wɔsan fi Awurade akyi,

ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ Awurade

na wommisaa n’akyi kwan no.

7 Hab 2.20 Monyɛ komm, Awurade Nyankopɔn anim,

na Awurade da no abɛn,

na Awurade asiesie okum afɔre,

wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.

8Na Awurade kum afɔre da no,

mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no

ne wɔn a wɔhyɛ ananafo atade nyinaa aso.

9Na ɛda no mɛtwe

obiara a ohuruw tra apongua ase aso,

wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisi

hyehyɛ wɔn wuranom afi amaama.

10Na ɛda no, Awurade asɛm ni,

osu nne befi Mpataa Pon no ano,

na adwotwa afi ɔfa a ɛto so abien no mu,

na ɔsɛe kɛse afi nkoko no so aba.

11Muntwa adwo, mo a mote Mortar,

efisɛ wɔasɛe aguadifo asafo no nyinaa,

na wɔatwitwa wɔn a wɔsoa dwetɛ no nyinaa.

12Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu,

na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso,

wɔn a wose wɔn komam sɛ:

Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.

13 Amos 5.11; Deut 28.39 Na wɔn ahonyade bɛdan afow ade,

na wɔn afi adeda ntuw;

wobesisi adan, na wɔrentena mu,

na wɔbɛyɛ bobe nturo,

na wɔrennom mu nsa.

14 Yoel 1.15 Awurade da kɛse no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm sɛ,

Awurade da no nne yɛ nwene sɛ!

Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ.

15 Yer 30.7 Ɛda no yɛ anibere da,

ahohia ne ahokyere da,

ɔsɛe ne amamfoyɛ da,

esum ne kusuuyɛ da,

amununkum ne kusukuukuu da,

16torobɛnto ne osebɔ da

a ɛreba afasu mu nkurow

ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so.

17Na mehiahia nnipa ho

na wɔanantew sɛ anifuraefo,

efisɛ Awurade na wɔayɛ no bɔne;

na wɔn mogya begu sɛ mfutuma,

ne wɔn honam sɛ nwura dodow;

18wɔn dwetɛ anaa wɔn sika

rentumi nnye wɔn,

Awurade abufuw da no,

na ne ninkuntwe gya no mu

na asase no nyinaa bɛhyew,

na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara

na ɔde bɛba asase no sofo nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help