Yudit 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yudif twa Holoferne ti

1Eduu anwummere no, ne nkoa no twee wɔn ho ntɛm so, na Bagoas too ntamadan no mu wɔ akyi, na otuu asomfo no nyinaa fii ne wura no anim. Na wɔkɔdae, efisɛ na wɔn nyinaa abrɛbrɛ esiane sɛ aponto no kyɛe dodo.

2Na ɛkaa Yudif nkutoo wɔ ntamadan no mu. Ɔne Holoferne a wateɛ ne mu da ne mpa so kagyaa, efisɛ na nsa no abow no dodo.

3Afei, Yudif aka akyerɛ n’abaawa no sɛ onnyina pia no akyi na ɔntwɛn no, mma ommpue mma, sɛnea da biara ɔyɛ no; esiane sɛ ɔkae sɛ obefi adi akɔbɔ mpae. Na waka asɛnkoro no ara akyerɛ Bagoas.

4Nti obiara puei. Ɔpanyin o, abofra o, anka obiara wɔ piam hɔ. Na Yudif begyinaa ne mpa no ho, kae wɔ ne komam sɛ: O, Awurade Nyankopɔn, tumi nyinaa wura, dɔnhwerew yi mu, bue w’aniwa hwɛ me nsaano adwuma yi, na fa ma Yerusalem so.

5Ɛnam sɛ, afei ne bere a ɛsɛ sɛ wobɔ w’agyapade ho ban, na woboa me de sɛe atamfo a wɔasɔre atia yɛn yi.

6Enti ɔkɔɔ mpadua a ɛbɛn Holoferne ti ho no, na oyii ne nkrante a ɛsɛn hɔ no.

7Na otwiw bɛn ne mpa no, na osoo ne ti nwi mu, kae sɛ; O, Israel Awurade Nyankopɔn, ma me ahoɔden nnɛ da yi!

8Na ɔde n’ahoɔden nyinaa twaa ne kɔn mprennu, na oyii ne ti fii ne nipadua no so.

9Afei opirew ne sin no fii mpadua no so na ɔtwetwee ntama a wɔde akata mpadua no so no fii so. Ɛno akyi ankyɛ koraa na ofii adi, na ɔde Holoferne ti no maa n’abaawa no.

10na ɔde hyɛɛ n'aduan kotoku no mu.

Yudif ne n'abaawa no san kɔ Bethulia

Na wɔn baanu nyinaa sian bɔɔ anan kɔe, sɛnea wɔtaa kɔbɔ mpae a wɔyɛ no; na wɔfaa nsra no mu, na wotwaa obon no ho hyiae, kɔforoo nkoko no baa Behtulia, na wobeduu abɔnten pon no ho.

11Yudif fi akyirikyiri teɛɛm frɛɛ awɛmfo a wɔwɔ apon no akyi no sɛ Wommue! Wommue apon no! Onyankopɔn yɛn Nyankopɔn no, da so ne yɛn wɔ hɔ, na ɔda so kyerɛ ne tumi wɔ Israel, ne n’ahoɔden de tia yɛn atamfo, sɛnea nnɛ da yi ara mpo wayɛ yi!

12Mmere a ne nkurɔfo a wɔwɔ kurow no mu tee ne nne no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ kurow no pon no ano na wɔfrɛfrɛɛ kurow no mu mpanyimfo no boaa ano.

13Wɔn nyinaa tuu mmirika, mmofra ne mpanyin, efisɛ na wɔnnye nni sɛ wasan aba. Wobuee pon no ma ɔbaa mu, na wɔbɔɔ gua ma hɔ yɛɛ dinn, na wotwaa ne ho hyiae.

14Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Monyi Awurade ayɛ, O monyi no ayɛ! Monyi Awurade ayɛ, efisɛ onyii n'ahummɔbɔ mfii Israel fi ɛ, mmom ɔnam me nsa so asɛe yɛn atamfo nnɛ anadwo yi ara!

15Na oyii ti no fii ne kotoku no mu kyerɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Monhwɛ, Asiria asraafo sahene Holoferne ti ni, na ntama a ɛkata ne mpadua a ɔda so abow sram no ni. Awurade nam ɔbea nsa so atwa no akyene.

16Sɛ Awurade te ase yi, na wabɔ me ho ban wɔ me kwan a mitui yi mu no, meka no ntam sɛ m’animdua fɛ nko na ɛdaadaa no ma ohyiaa ne wu, mmom ɔne me anna, angu me ho fi anhyɛ me aniwu.

17Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn pii, na wɔkotow daa Nyankopɔn ase, na wɔde nokoro kae sɛ: Yɛn Nyankopɔn, nhyira nka wo, wo a woabrɛ wo nkurɔfo atamfo ase nnɛ, na woagu wɔn anim ase.

18Ate 5.24; Luka 1.28, 42 Na Ussia see no sɛ: O, ababaa! Ɔsorosoro Nyankopɔn ahyira wo asen asase so mmea nyinaa; nhyira nka Awurade Nyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, ɔno a wabɔ wo ho ban ama woakotwa yɛn atamfo Sahene ti.

19W’ayeyi rempa nnipa komam da, na wɔbɛkae wo tumi.

20Onyankopɔn mma eyi nyɛ daa anuonyam mma wo, na onhyira wo pii, esiane sɛ wode wo nkwa too hɔ bere a wɔbrɛɛ yɛn man yi ase, na mmusu bi amma yɛn so, bere a wonam kwan trenee so Onyankopɔn anim. Na nkurɔfokuw no nyinaa kae sɛ: Amen! Amen!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help