2 Makabe 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Heliodorus ba Yerusalem

1Bere a nkurɔfo te kurow kronkron no mu a biribiara kɔ so asomdwoem esiane ɔsɔfopanyin Onias Nyamesompa ne bɔne a okyi nti,

2Ɛbae sɛ ahemfo no ankasa dii beae hɔ ni na wɔde akyɛde a ɛsom bo hyɛɛ asɔrefi no anuonyam,

3mpo ɔhene Seleuku a ofi Asia de n'ankasa fotow mu sika tuatuaa ka a wɔbɔɔ no wɔ afɔrebɔ ahorow no ho nyinaa.

4Nanso ɔbarima bi a ofi Benyamin abusuakuw mu a wɔfrɛ no Simon a wɔhyɛɛ no asɔrefi so hwɛfo no ne, ɔsɔfopɔn no anyɛ adwene wɔ ahenkurow no gua no so hwɛ dwumadi no ho;

5Esiane sɛ ɔne Onias nyɛ adwene nti, ɔkɔɔ Apoloniu a ofi Tarsus hɔ; ɔno na saa bere no ɔyɛ amrado wɔ Koelesiria ne Foenike.

6Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, fotow a ɛwɔ Yerusalem no, sika abu so wɔ mu, ma wontumi mmu ano, nanso ɛnyɛ afɔrebɔ sika, na sɛ wanhwɛ no yiye a, ɛbɛkɔ akodi ɔhene nsam.

7Bere a Apolonius ne ɔhene no hyiaa mu no, ɔkaa sika no ho asɛm a wate no kyerɛɛ no. Ɔhene yii Heliodorus a ɔhwɛ ne nsɛmnsɛm so no, na ɔde n’anom nsɛm somaa no sɛ onkyi sika a wɔabɔ din no mmra.

8Ɛhɔ ara na Heliodorus hyɛɛ n’akwantu no ase, yɛe wɔ obiara ani so sɛ ɔrekɔ nsrahwɛ wɔ ahenkurow Koelesiria ne Foenike mu; nanso ne botae ne sɛ ɔrekɔfa sika a ɔhene kae no aba.

9Bere a okoduu Yerusalem no, ɔsɔfopanyin no maa no akwaaba anigye so, na Heliodorus kaa nea nti a ɔnam no kyerɛɛ no, na obisaa no sɛ ampa ara sɛ saa sika no wɔ hɔ anaa?

10Ɔsɔfopanyin no kyerɛɛ mu sɛ sika kakra wɔ hɔ ma akunafo ne nyisaa .

11Afei nso sika bi wɔ hɔ a ɛyɛ Tobias ba Hikanus a ɔyɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkrɔn de, na wɔka sika no nyinaa bom a, ne dodow bɛyɛ dwetɛ talent ahanan ne sika kɔkɔɔ nso ahanu. Eyi ara na Simon a onsuro Nyame no adan asɛm no ani na wɔabɛka no.

12Na ɔkae sɛ ɛnyɛ ade a eye koraa sɛ wɔbɛyɛ nea ɛmfata atia beae a nkurɔfo a wɔwɔ gyidi bu no kronkron ne ahotew, asɔrefi a wongu hɔ fi, na wiase nyinaa di hɔ ni no.

13Heliodorus yɛɛ adwene sɛ ɔbɛkɔ Asɔredan no mu, nanso esiane ɔhene mmara a okurae nti, ɔkae sɛ: Ɛsɛ sɛ wogye saa sika yi de kɔ ɔhene fotow mu.

14Nti otuu da sii hɔ na ɔkɔɔ beae hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ma wɔahwehwɛ saa sika no akyi kwan.

Dede a esii kurow no mu hɔ nyinaa nyɛ ade ketewa.

15Asɔfo no hyehyɛɛ wɔn asɔfo ntade na wɔbobɔɔ wɔn mu ase wɔ afɔremuka no anim na wɔhwɛɛ soro nea ɔmaa wɔn mmara faa sika sie no ho no sɛ ɔmfa saa sika no nsie mma wɔn a wɔde besiei no.

16sɛ wohu ɔsɔfopanyin no a wo koma betu, efisɛ sɛ wohwɛ sɛnea n'amim ayɛ na asesa a, na ɛkyerɛ ne kra ahoguan.

17Efisɛ ehu ne ahopopo aba onipa no so a, ɛma wɔn a wɔhwɛ no nyinaa hu pefee sɛ odi yaw wɔ ne komam.

18Nnipa apuepue afifi wɔn afi mu abɔ dɔmpem, de nkotodwe agu fam srɛ sɛ, wɔmma animguase nka beae kronkron no.

19Mmea a wɔde ayitama asisi wɔn koko dɔɔso wɔ abɔnten. Mmabaa no mu binom tetɛw apon ano, na afoforo hwɛ fa ɔfasu so, ebinom hwɛ fa mfɛnsrɛ mu.

20Na wɔn nyinaa momaa wɔn nsa so kyerɛɛ soro bɔɔ mpae.

21Wohwɛ a na ɛyɛ awerɛhow sɛ ɔmanfo no nyinaa anim butubutu fam. Na ɔsɔfopanyin wɔ ahoguan kɛse mu.

Awurade bɔ n'asɔrefi ho ban

22Bere a wɔresu frɛ Otumfo Awurade sɛ ɔnkora nea wɔde abesie hɔ no so de ama wɔn a wɔde asie ama wɔn no,

23Heliodorus kɔɔ so ara sɛ ɔreyɛ nea wabɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛyɛ no.

24Na bere a ɔne n’akyidifo no duu sikakorabea hɔ no, ɛhɔ ara na sunsum kɛse bi yii ne ho adi pefee, maa wɔn a na wɔasi wɔn bo anya akokoduru ka ne ho no nyinaa bɔɔ hu na awɔse guu wɔn so, na Nyankopɔn tumi no maa wɔn ho popoe.

25Opuei sɛ ɔpɔnkɔ a wɔahyehyɛ no gɔsɔɔ, na nea a ɔte ne so no ho yɛ hu. Ɔpɔnkɔ no de abufuw bɔɔ krididi ahoɔden so kɔɔ Heliodorus so n'anan wowɔɔ no. Wohui sɛ nea ɔte ne so no kura nkatabo ne sika akode.

26Mmerante baanu nso yii wɔn ho adi kyerɛɛ no. Wɔn ho yɛ den, wɔwɔ ahoɔden papaapa, na wɔn ho yɛ fɛ nso, na wɔn ntade a wɔhyehyɛɛ no nso yɛ fɛ dodo, na wogyinagyina afa ha ne ha, na wɔbobɔɔ no ara, pirapira no pii.

27Na mpofirim a ɔhwee fam no, esum kabii duruu no, na ne nkurɔfo maa no so de no too ntwe mu mpa bi so.

28na wɔsoaa no kɔe, saa onipa yi a bere tiaa mu anka ɔde akofo ne n'akyidifo pii rekɔhyɛn sikakorabea hɔ no antumi anyɛ ne ho hwee. Wohuu pefee sɛ Onyankopɔn wɔ tumi kɛse.

Onias bɔ mpae ma Heliodorus

29Bere a ɔda hɔ kagyaa, a ontumi nkasa, na ontumi nyɛ ne hwee no, Onyame tumi nti, ohui sɛ ɔremma nkwa mu bio.

30Woyii Awurade ayɛ sɛ wayɛ ade kɛse wɔ n'ankasa tenabea. Asɔrefi a mmere tiaa bi mu ehu ne basabasayɛ wɔ hɔ pii no, Otumfo Nyankopɔn ama ne ho so ama anigye ne, ahurusi ahyɛ hɔ ma.

31Ntɛm ara na Heliodors nnamfo no de ɔsrɛ baa Onias anim sɛ: Ɔmmfrɛ Ɔsorosoroni no ma ɔmfa wɔn nua a ɔda owuso no nkwa nkyɛ no.

32Enti ɔsɔfopanyin no mpɛ sɛ ɔhene benya adwene bi sɛ Yudafo na wɔayɛ kusum bi atia Heliodorus nti, ɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ sɛ onya nkwa.

33Bere a ɔsɔfopanyin no gu so rebɔ mpata ho afɔre no, saa mmerante baanu no sɔre yii wɔn ho adi kyerɛɛ Heliodorus. Wɔhyɛ ntade koro a kan no na wɔhyɛ no ara bio, begyinaa hɔ kae sɛ: Da ɔsɔfopanyin Onias ase ma yɛn, esiane sɛ ɛnam no so na AWURADE de wo nkwa akyɛ wo.

34Na hu sɛ, ɔsoro ne wo adi no bɔne so, enti ka Onyankopɔn tumi no kyerɛ nnipa nyinaa. Ɔkaa saa no, wɔyerae.

Heliodorus adwensakra

35Na Heliodorus bɔɔ afɔre maa Awurade na ɔkaa ntam sua kyerɛɛ nea ogyee ne kra nkwa no, na ɔne Onias dii nkra no, ɔne n’asraafo no kɔɔ ɔhene hɔ.

36Na odii adanse kyerɛɛ nnipa nyinaa wɔ nea Otumfo Nyankopɔn no ayɛ a, n'ankasa de n’aniwa ahu.

37Bere a ɔhene no bisaa Heliodorus sɛ: Hena na ɔfata sɛ wɔsoma no bio kɔ Yerusalem no, obuae sɛ:

38Sɛ wowɔ atamfo anaa w’ahenni ho adwemmɔnefo bi a, soma no kɔ hɔ ɔbɛba abɛka ɔhwe ne mpire a ɛbafa n'ani so, nanso mpo sɛ, onya ne ti didi mu mpo a, obehu sɛ Onyankopɔn honhom bi wɔ beae hɔ.

39Na nea ne tenabea wɔ sorosoro no, n'ankasa wɛn beae hɔ, na ne mmoa nso wɔ hɔ, na wɔn a wɔde adwemmɔne kɔ hɔ no de, ɔteɛ wɔn na ɔsɛe wɔn.

40Eyi ne nea efi Heliodorus ɔsatu no ho nsunsuanso wɔ sikakorabea no ho bammɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help