Hosea 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Meresa Israel yare yi,

na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi;

wodi atoro, na owifo bubu ba mu,

akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.

2Na wɔnka wɔn komam

sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa;

afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim.

3Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye,

na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.

4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,

te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya,

na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so.

5 Hos 4.11 Yɛn hene afahyɛ da no,

asabow bɔɔ mmapɔmma yare;

ɔne afɛwdifo dii nsawɔso.

6Na wɔasiesie wɔn koma sɛ ɔfononoo,

wɔn atirisopam no mu;

wɔn abodootofo da anadwo nyinaa,

anɔpa ɛdɛw sɛ ogya framfram.

7Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo,

na wokum wɔn akannifo;

wɔn ahene nyinaa atotɔ;

obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Efraim ne aman ntam asɛm

8Efraim de ne ho fra aman mu;

Efraim yɛ ɔfam a wɔankisa.

9Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim;

dwen nso ahura ne tirim, nso onnim.

10Na Israel ahantan di n’anim adanse,

na wɔnsan mmaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

na wɔnhwehwɛ no eyi nyinaa mu.

11 Hos 5.13; 12.1 Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti;

wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.

12Wɔrekɔ no, mɛtrɛw m’atena mu makata wɔn so;

meduru wɔn sɛ wim nnomaa;

mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.

13 Nnw 81.13-14 Wonnue, efisɛ wɔaguan me;

ɔsɛe mmra wɔn so,

efisɛ wɔato me mmara; na me de,

anka megye wɔn, nanso wodi me ho atoro.

14Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam,

na wɔbobom wɔn nnae so;

awi ne nsa nti na wodi nkyereso,

wɔtew m’anim atua.

15Me de, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den,

nanso pɔw bɔne na wɔbɔ me ho.

16 Nnw 78.57 Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho,

wɔayɛ sɛ ɔta a agow.

Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ,

keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti;

eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help