1 Ahene 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nabot bobeturo

1Na nsɛm yi akyi no, na Yesreelni Nabot wɔ bobeturo bi Yesreel a ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfi ho.

2Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobeturo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, efisɛ ɛbɛn me fi ho, na mɛma wo bobeturo a eye sen no mahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛso sika.

3Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma eyi mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyade mɛma wo.

4Ɛnna Ahab kɔɔ ne fi, a na wakum n’anim na odi yaw, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti, sɛ osee no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyade memma wo. Na ɔdaa ne mpa so dan n’ani, na wannidi.

5Na ne yere Yesebel baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wo honhom abotow sɛɛ na wunnidi yi?

6Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na misee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo mahyɛ ananmu. Na ose: Meremfa me bobeturo no memma wo.

7Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wudi Israel so hene? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam na mede Yesreelni Nabot bobeturo no mɛma wo.

8Ɛnna ɔde Ahab din kyerɛkyerɛw nhoma, na ɔde ne nsɔanode sosɔɔ ano, na ɔsomasomae ma wɔde nhoma no kɔmaa mpanyimfo ne adehye a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te no.

9Na ɔkyerɛw nhoma no mu sɛ: Mompae mma wonni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfo no ti.

10Hiob 1.5; Eks 22.28 Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufo nnyina n’anim, na wonni no adanse sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfi nkosiw no abo mma onwu.

11Ɛnna ne kurow no mufo, mpanyimfo ne adehye a wɔte ne kurom no yɛe sɛnea Yesebel kraa wɔn no, sɛnea ɔkyerɛw nhoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:

12Ɔpaee sɛ wonni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfo no ti.

13Na mmarima mmahuhufo baanu bae bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii Nabot adanse ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na woyii no fii kurow no akyi kosiw no abo ma owui.

14Ɛnna wɔsoma kɔɔ Yesebel nkyɛn sɛ: Wɔasiw Nabot abo, na wawu.

15Na Yesebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo na wawu no, Ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, efisɛ Nabot nte ase bio, na wawu.

16Na Ahab tee sɛ Nabot awu no, Ahab sɔree sɛ ɔresian akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so.

Elia hyɛ asotwe ho nkɔm

17Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ:

18Sɔre sian kohyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasian akɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi so no mu;

191 Ah 22.38 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Woadi awu, na woafa obi ade adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Faako a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtaforo wo nso wo mogya.

20Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

212 Ah 9.7-8 Mɛpra wo akɔ, na matwa Ahab babarima biara afi Israel mu, akoa anaa ɔdehye.

221 Ah 15.29; 16.11-12 Na mɛyɛ wo fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi ne Ahigya ba Baasa fi, ohuru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne ntia.

232 Ah 9.33-36 Na Yesebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bedi Yesebel nam, Yesreelni fasu ho.

241 Ah 14.11 Ahabni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam.

25Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, efisɛ ne yere Yesebel hyɛɛ no.

26Na ɔyɛɛ akyide sɛ, efisɛ odii ahoni huhuw no akyi, sɛnea Amorifo a AWURADE tuu wɔn Israelfo anim yɛe no ara.

27Na Ahab tee nsɛm yi no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam guu ne ho so, na odii abuada, na ɔdaa atweaatam no mu, na ɔnam siamoo.

28Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: So woahu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim?

292 Ah 9.22, 26 Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne bere so. Ne ba bere so na mede bɔne no mɛba ne fi so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help