Yeremia 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yudafo no asotwe

1 Nnw 99.6; Hes 14.14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ.

2Yer 43.11; Sak 11.9 Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛhe fa na yemfi nkɔ? A, ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni:

Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu,

na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano

na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu,

na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.

3 Hes 14.21 Na nneɛma horow anan na mɛma aba wɔn so, AWURADE asɛm ni: Afoa a wɔde bekum wɔn, ne akraman a wɔbɛtwetwe wɔn, ne wim nnomaa ne asase so mmoa a wobedi wɔn asɛe wɔn.

42 Ah 21.11-16; 23.26 Na mɛma wɔaguan wɔn ho, asase so ahenni nyinaa mu, Yuda hene Manase a ɔyɛ Hesekia ba ne nea ɔyɛ Yerusalem no nti a.

Ɔsa mu amanehunu

5Na hena na obehu wo mmɔbɔ, O Yerusalem?

Na hena na obegyam wo?

Na hena na ɔbɛman akobisa

nea w’asomdwoe no wɔ?

6Woapa me, AWURADE asɛm ni,

na wo nsanakyiri no kɔ so ara;

enti na meteɛɛ me nsa wo so,

na mesɛee wo; mabrɛ ne mmɔborohunu.

7 Mat 3.12 Na mede nhuwso apaawa mehuw wɔn so,

asase no mmobowano;

mekunkum wɔn mma, mɛsɛe me man

a wɔnsan mfi wɔn akwan so no.

8Wɔn akunafo dɔɔso

sen mpoano anwea,

mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so

na awia ketee nso,

mama piriwbɔ ne nketenkete

agu no so mpofirim;

9 Amos 8.9 ɔbea a wawo ason agurow, wagyaa mu;

ade nnya nsae na ne wia atɔ,

n’ani awu na n’anim agu ase;

na meyi wɔn nkae mama afoa,

wɔn atamfo anim,

AWURADE asɛm ni.

Odiyifo no di nkɔmmɔ bio Kyerɛ AWURADE

10 Yer 20.14 Minnue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham yiyi ntɛn. Memfɛm nnyee mfɛntom na obi mfɛm me bi ɛ, nanso wɔn nyinaa dome me.

11AWURADE se: Ampa ara, megye wo ma ayɛ yiye, ampa ara, mɛma ɔtamfo abɛpa wo kyɛw, bere bɔne ne ahohia bere mu.

12So dade bi betumi abu dade, dade a efi benkum fam, ne kɔbere?

13Mɛma wɔafom mo ahode ne mo akorade, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ, mo asase no nyinaa so no nyinaa nti;

14na mɛma mo ne mo atamfo no asen akɔ asase bi a munnim so, efisɛ ogya bi asɔ m’abufuw mu a ɛbɛdɛw mo so.

15Wo, AWURADE, wunim.

Kae me na bɛhwɛ me,

na tɔ me were ma me m’atiwfo so;

wo bo a ɛkyɛ fuw no nti mfa me nkɔ;

hu sɛ wo nti na mesoa ahohora.

16 Hes 3.1-3 Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ m’aduan,

na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam,

na wɔde wo din ato me,

AWURADE, asafo Nyankopɔn.

17Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi;

wo nsa nti me nko na metenae,

efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.

18 Yer 30.12 Ɛdɛn nti na me yaw wɔ hɔ daa yi,

na me kuru ayɛ akisikuru a wɔsa a ɛnsa yi?

So wobɛyɛ sɛ asu a edi huammɔ

a ennyina ama me anaa?

19Enti sɛ AWURADE se ni:

Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba;

na woabegyina m’anim;

na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a,

wobɛyɛ sɛ m’ano;

wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn,

na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.

20 Yer 1.18 Na mede wo misi hɔ mema ɔman yi

sɛ kɔbere fasu dennen,

na wɔne wo ko a,

wɔrentumi wo,

na me na midi w’akyi

na magye wo na mayi wo,

AWURADE asɛm ni.

21Na meyi wo afi abɔnefo nsam,

na magye wo afi atirimmɔdenfo nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help