Nehemia 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Obiara mfa ne ka nni

1Na ɔman no ne wɔn yerenom nteɛm kɛse sɔre hyɛɛ wɔn nuanom Yudafo no,

2na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa.

3Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo ne yɛn afi resisi nwowa apɛ ɔkɔm mu aduan.

4Na ebinom nso se: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene tow, yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo no so.

5Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea.

6Na metee wɔn nteɛm ne nsɛm yi no, me bo fuwii sɛ.

7Eks 22.25 Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,

8na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua.

9Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?

10Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

11Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

12Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te.

13Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.

Nehemia ahofama

14Nso efi da a wɔde me sii Yuda asase so amrado no, efi ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu kosi afe a ɛto so aduasa abien so no, mfe dumien, me ne me nuanom anni amrado aduan.

15Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa.

16Na ɔfasu yi ho adwuma no nso, misoo mu, na yɛannye asase bi po, na m’asomfo nyinaa ano bɛboae adwuma no ho.

17Na Yudafo ne mpanyimfo no mu ɔha aduonum ne wɔn a wofifi yɛn ho amanaman mu ba yɛn nkyɛn no didii me pon so.

18Na nea wɔnoa da koro ni: Nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, na ntakraboa na wosiesie ma me, na dadu mu pɛnkoro nsa ahorow bebree. Nanso eyi mu no, mammisa amrado aduan, efisɛ ɔsom no yɛ duru ɔman no so.

19Neh 13.14, 22, 31 Me Nyankopɔn, kae ma me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help