Baruk 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Yes 52.1; 61.3, 10; Adi 21.2 1 O, Yerusalem yi w’awerɛhow ne wo yaw atade no gu hɔ,

na hyɛ Onyankopɔn anuonyam ahoɔfɛ no afebɔɔ.

2Hyɛ trenee atade yuu a efi Onyankopɔn hɔ no daa nyinaa;

fa w'anuonyam abotri a efi Ɔdomankoma hɔ no bɔ wo ti afebɔɔ.

3Na Onyankopɔn de wo yiyeyɛ bɛkyerɛ wɔ wiase ha baabiara.

4Na Onyankopɔn bɛma wo din afebɔɔ sɛ,

Trenee Asomdwoe, ne Nyamesom mu Anuonyam.

5O, Yerusalem, sɔre gyina bepɔw so

na to w'ani hwɛ apuei

na hwɛ sɛ wɔaboaboa wo mma ano

fi apuei ne atɔe reba,

Ɔkronkroni no asɛm nti,

na wɔredi ahurusi

sɛ Onyankopɔn akae wɔn.

6Wɔnam wɔn anammɔn mu na ɛkɔe

wɔn atamfo de wɔn fii adi kɔe:

nanso Onyankopɔn de wɔn bɛsan abrɛ wo,

wɔso wɔn anuonyam mu, wɔte adehye agua so.

7Efisɛ Onyankopɔn ahyɛ mmara sɛ

wɔmmrɛ mmepɔw atenten nyinaa ase,

na wɔnhyɛ abon nyinaa mama nyɛ no tamaa,

na ama Israel anantew so asomdwoe mu ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.

8Nnua ne dua biara a eyi hua

nam Onyankopɔn ahyɛde so abɔ Israel ho ban.

9Na Onyankopɔn bedi Israel kan wɔ anigye mu,

wɔ n'anuonyam hann no mu,

Ɔde n'ayamye ne trenee bedi anim .

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help