Ester Nhoma 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhene Lɛtɛ no

1Eyi ne ɔhene lɛtɛ a,

Ɔhene Otumfo Ahasuerus kyerɛw kɔmaa tumidifo a wɔhwɛ amansin ɔha aduonu ason so, fi India kɔpem Etiopia ne amradofo a wɔhyehyɛ wɔn ase no mu nsɛm:

2Mabedi hene wɔ aman pii so, na wiase nyinaa wura ne me, ɛnyɛ ahomaso bi, mmom daa mede anidahɔ ne ayamye na ɛbɔ bra no, hwehwɛ sɛ me nkurɔfo benya asomdwoe daa, na ama ahotɔ aba m'ahemman mu, na obiara atumi atu kwan akɔ baabiara a ɔpɛ. Na asomdwoe aba ama nnipa nyinaa sɛnea wɔhwehwɛ no.

3Bere a mibisaa m'agyinatufo nea ɛbɛyɛ a eyi bɛba no, Haman a n'adwenem piw kyɛn obiara de wɔ atemmu ho, na wada ne ho adi wɔ papayɛ ne nokwaredi mu, na wanya gyinabea a ɛto so abien wɔ ahemman no mu no,

4de too yɛn anim sɛ, aman a wɔwɔ wiase nyinaa no, atamfo bi wɔ hɔ a wɔapete afanan nyinaa. Saafo no wɔ mmara a ɛne aman foforo de bɔ abira. Na daa wobu ɔhene mmara so. Ne saa nti nkabom ne biakoyɛ a nidi mu, yɛrehwehwɛ ama aba no, renyɛ yie.

5Yehu sɛ saa nkurɔfo yi, nkutoo na bere nyinaa wɔsɔre tia aman nyinaa. Adesɛe mu no, wɔnam amammu ne mmarasɛm sonowonko so bɔ wɔn bra, na wonni yɛn aban yi ho adwen pa. Wɔyɛ amumɔyɛde biara a wobetumi, nea ɛbɛyɛ a, yɛn ahemman yi rentumi nnya asomdwoe.

6Ne saa nti yɛahyɛ mmara sɛ wɔn a wɔabobɔ wɔn din ama wo wɔ Haman lɛtɛ a ɔkyerɛw brɛɛ wo no mu no, ɔno a amansɛm nyinaa hyɛ ne nsa na ɔyɛ yɛn agya a ɔto so abien no, wɔn nyinaa, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma, wɔn atamfo mfa wɔn nkrante nsɛe wɔn koraa, a ayamhyehye ne ahummɔbɔ biara nni mu. Eyi mmra so wɔ ɔsram a ɛto so dumien a wɔfrɛ no Adar no, ne da ɛto so dunan wɔ afe yi ara mu.

7Na ama wɔn a mmere tenten yi nyinaa, wɔayɛ yɛn atamfo na wɔda so yɛ no, dakoro pɛ wɔde ahoyeraw besian akɔ asaman, na wɔagyaw yɛn aban no ato hɔ, wɔ ahotɔ ne asomdwoe mu.

Mordekai mpaebɔ

8Na akyi yi Mordeai bɔɔ AWURADE mpae, kaekae AWURADE anwonwade no nyinaa sɛ:

9Ao AWURADE, Ɔhene a wodi nneɛma nyinaa so tumi, wiase ne n'ade dodow wɔ wo nsam. Na sɛ ɛba sɛ wobegye Israel nkwa a, obi nni hɔ a, obetumi agyina w'anim.

10Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase ne anwonwade biara a ɛwom.

11Wo ne ade nyinaa so tumfo, na obiara nni hɔ a obetumi agyina wo AWURADE anim.

12Wonim ade nyinaa; Ao AWURADE, wonim sɛ ɛnyɛ ahantan anaa ahomaso, anaa anuonyampɛ bi nti, na ɛma meyɛɛ eyi, sɛ mankotow ammɔ me mu ase amma Haman ɔhomasofo yi.

13Anka mede fɛw mɛfew ne mpaboa ho, de agye Israel nkwa!

14Nanso meyɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a, meremmfa nnipa anuonyam ntra Onyankopɔn de so, na meremmɔ me mu ase mma obiara gye wo nkotuu, a woyɛ m'AWURADE, na merennyɛ eyinom nnye anuonyam hunu.

15Na afei, Ao AWURADE Nyankopɔn ne Ɔhene. Abraham Nyankopɔn, gye wo nkurɔfo fi wɔn atamfo nsam, na wɔn ani wɔ yɛn so yɛbɛsɛe yɛn afi wiase, na wɔpɛ sɛ wɔsɛe agyapade a wode ama yɛn fi mfiase no.

16Mmu w'ani ngu wo kyɛfa a wokae sɛ wobɛyɛ fi Misraim asase so no.

17Tie me mpaebɔ na hu w'agyapade mmɔbɔ. Ma yɛn awerɛhow nnan anigye, na yɛatena ase ato ayeyidwom ama wo din. Ao AWURADE, mma ano a eyi wo ayɛ no, nkɔ ɔsɛe mu.

18Na Israel nyinaa maa wɔn nne so kɛse, efisɛ wɔn nkwa wɔ ne nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help