1 Gye 30.23; 1 Sa 1.5-6 Na mmea baasɔn besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ:
Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa ntade;
ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so;
na yi yɛn aniwu fi yɛn so.
Yerusalem nkwagye2 Yes 11.1 Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.
3Luka 10.20 Na nea wɔagyaw no Sion ne nea waka Yerusalem no wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu, Yerusalem nyinaa,
4Sak 13.1; Mat 3.11 da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.
5Eks 13.21; 40.34, 38 Na AWURADE bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so tenabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so;
6Yes 25.4-5 na ɛbɛyɛ ntamadan a ase wɔ nwini awia, ahohuru mu, ɛne guankɔbea ne hintabea, ɔprannaa ne osutɔ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
