Nnwom 144 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE ne Israel botanDawid de

1 Nnw 18.34 Nhyira ne AWURADE, me botan

a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsatea akodi.

2 Nnw 18.2 M’adɔe ne m’abankɛse, m’abantenten ne me gyefo,

me kyɛm ne nea miguan metoa no

a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’ase.

3 Nnw 8.4 AWURADE, onipa ne hena a wuhu no,

ɔdesani ba ne hena a wudwen ne ho?

4 Hiob 14.2 Onipa, ɔte sɛ ahuhuw,

ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam.

5 Nnw 18.9; 104.32 AWURADE, kuntun wo soro, na si fam,

keka mmepɔw, na emfi wusiw.

6Popa anyinam, na pansam wɔn,

totow wo mmɛmma, na sɛe wɔn.

7Teɛ wo nsa fi soro noho,

huam me, na yi me fi nsu akɛse mu,

fi ananafo mma nsam.

8 Nnw 144.11 Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuw,

na wɔn nifa yɛ atoro nifa.

9 Nnw 33.2-3 Onyankopɔn, mɛto dwom foforo mama wo,

mede sanku a ɛso han du mɛto dwom mama wo,

10sɛ wo na wode nkwagye ma ahemfo,

na wugyee w’akoa Dawid fii afoa a enye ano.

11 Nnw 144.8 Huam me na yi me fi ananafo mma

a wɔn ano ka nsɛnhuhuw

na wɔn nifa yɛ atoro nifa nsam.

12 Nnw 128.3 Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua

a anyin yiye, wɔn mmerantebere mu,

na yɛn mmabea ayɛ sɛ twea so adum

a wɔasen no sɛ ahemfi de.

13Na yɛn asan ayɛ ma a woyi mu nneɛma horow nyinaa,

na yɛn nguan awo mpem ayɛ mpem du du, yɛn nsaase so.

14Na yɛn anantwi ho atua wɔn ho

a ɔsɛe ne ɔyera mma wɔn mu,

na nkɔmmɔdi amma yɛn mmɔnten so.

15 Deut 33.29 Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ,

nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help