1 Korintofo 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Awurade adidi asekyerɛ

26 Mat 26.29 Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wu no mu ka kosi sɛ ɔbɛba.

27Heb 6.6 Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.

28Mat 26.22; 2 Ko 13.5 Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ, na wadi abodoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi.

29Na nea odi na ɔnom sɛnea ɛnsɛ no, odi nom de atemmu ba n’ankasa ne ho so, efisɛ wammu nipadua no yiye.

301 Ko 15.20 Eyi nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔyareyare bebree wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.

31Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye a, anka wommu yɛn atɛn;

32Heb 12.5-6 na sɛ wobu yɛn atɛn a, Awurade no twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ.

33Enti, me nuanom, muhyia mu sɛ morebedidi a montwɛn mo ho mo ho!

34Na sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi ne fie, na moammehyiam ammenya atemmu. Na nea aka no de, meba a, mabɛtoto no yiye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help