1O! AWURADE, misu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me;
sɛ misu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me.
2 Eks 30.7; 29.39 Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam,
me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde.
3 Nnw 39.1 AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano,
na hwɛ m’anofafa pon ano.
4 Nnw 119.36 Nkom me koma nkɔ asɛmmɔne ho,
sɛ me ne nnipa amumɔyɛfo bedi nsɛmmɔne,
na mma me kɔn nnɔ wɔn adɔkɔdɔkɔde.
5 Lew 19.17; Mmb 27.5-6 Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so,
ɛyɛ me tiri so ngo a me ti rempo,
na abɔnefo ngosra mpare me
na me mpaebɔ ara na ɛda so hyia wɔn asɛmmɔne.
6Wosum wɔn akannifo hwe ɔbotan so,
na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ.
7Sɛnea obi dwiriw asase funtum so no,
saa ara na wɔama yɛn nnompe apete asaman ano.
8Na wo, AWURADE, so na m’ani da,
wo na miguan metoa wo, ntow me kra nkyene.
9Kora me fi apa a wɔasum me
ne amumɔyɛfo mfiri ho.
10 Nnw 7.15 Ma abɔnefo nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu,
na me de, ma mintwa ho menkɔ prɛko.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
