1 Adi 12.9; 20.2, 10; Hiob 26.13 Ɛda no na AWURADE de n’afoa dennen a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare, asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum po mu ɔtweaseɛ kɛse no.
2 Yes 5.1 Ɛda no,
monto bobeturo fɛfɛ no ho dwom:
3Me, AWURADE, na mehwɛ no,
migu no so nsu bere nyinaa mu;
mehwɛ no anadwo ne awia,
na hwee ammɛyɛ no.
4Abohuru bi nni me mu;
sɛ mihu nsɔe ne nguare ɛ,
anka mede ko mewura mu
makɔhyew ne nyinaa.
5Gye sɛ woguan toa me,
na wɔne me di asomdwoesɛm,
asomdwoesɛm na ma wɔne me nni.
6 Yes 37.31 Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini,
na Israel afefɛw agu nhwiren,
na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.
7So wahwe no sɛ ɔhwee ne hwefo,
anaasɛ wɔakum no sɛ wokum ne kumfo no?
8 Yer 30.11; 18.17 Ne bɔne na wususuw so ne no dii, sɛ wokaa no kɔe;
ɔde apuei mframa a ano yɛ den huw no, ɛda no.
9 Yes 31.7; Lew 26.30 Enti, eyi na wɔde bɛkata Yakob amumɔyɛ so,
na oyi a wɔreyi ne bɔne akɔ no so aba nyinaa ni:
Sɛ ɔbɛma afɔremuka abo no
nyinaa ayɛ sɛ akado atɔw a afurofurow,
na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.
10Na kurow a ɛyɛ den no ada ntuw
ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagyaw no sɛ sare so;
ɛhɔ na anantwi mma didi,
na ɛhɔ na wobutubutuw awie n’abaa no we.
11Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu,
mmea bɛpɛ kɔsɔ gya;
na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu,
enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn,
na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.
12Ɛda no, AWURADE bɛporow n’aba afi asu Eufrate no hweam ano akosi Misraim subon no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmiako mmiako.
13 Yes 11.10-16 Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
