Numeri 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔman no kan

1Na Israelfo fii Misraim asase so akyi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so wɔ ahyiae ntamadan no mu sɛ:

2Num 26.2-51; Eks 30.12 Wo ne Aaron mmu Israelfo asafo nyinaa ano, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, nhu mmarima nyinaa mmiako mmiako ne wɔn din dodow,

3efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, Israel mu obiara a obetumi akɔ ɔsa. Wo ne Aaron nkan wɔn sɛ wɔn dɔm te,

4na abusuakuw biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanyimfi mu otitiriw.

5Na mmarima a womfi mmusuakuw no mu mmɛboa mo no din ni: Ruben de ne Sedeur ba Elisur.

6Simeon de: Surisadai ba Selumiel.

7Eks 6.23 Yuda de: Aminadab ba Nahasɔn.

8Isakar de: Suar ba Netanel.

9Sebulon de: Helon ba Eliab.

101 Be 7.26 Yosef mma no de: Efraim de: Amihud ba Elisama. Manase de: Pedahsur ba Gamaliel.

11Benyamin de: Gideoni ba Abidan.

12Dan de: Amisadai ba Ahieser.

13Aser de: Okran ba Pagiel.

14Gad de: Deguel ba Eliasaf.

15Naftali de: Enan ba Ahira.

16Eyinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuw mu mmapɔmma ne Israel mpem so atitiriw.

17Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi,

18na wohyiaa asafo no nyinaa boaa ano, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan, na wɔkaa wɔn awo ntoatoaso sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn din dodow, efi wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, mmiako mmiako;

19sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na ɔkan wɔn Sinai sare so nen.

20Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

21wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuw no si ɔpeduanan asia ne ahanum.

22Simeon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔkan wɔn, sɛ wɔn din dodow si, mmiako mmiako, mmarima a wɔadi mfe aduonu ne akyiri nyinaa, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

23wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuw no si ɔpeduonum akron ne ahasa.

24Gad mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

25nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuw no si ɔpeduanan anum ne ahansia aduonum.

26Yuda mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

27nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuw no si ɔpeduɔsɔn anan ne ahansia.

28Isakar mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

29nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuw no si ɔpeduonum anan ne ahannan.

30Sebulon mma, wɔn asefo, sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, sɛ wɔn din dodow si, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

31nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuw no si ɔpeduonum ason ne ahannan.

32Yosef mma: Efraim mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

33nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuw no si ɔpeduanan ne ahannum.

34Manase mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

35nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuw no si ɔpeduasa abien ne ahanu.

36Benyamin mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

37nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuw no si ɔpeduasa anum ne ahannan.

38Dan mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

39nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuw no si ɔpeduosia abien ne ahansɔn.

40Aser mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

41nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuw no si ɔpeduanan biako ne ahanum.

42Naftali mma, wɔn asefo, wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so din dodow, efi wɔn a wɔadi mfe aduonu so de rekɔ, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa,

43nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuw no si ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan.

44Eyinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kanee no, mmarima dumien a wotuatua wɔn mpanyimfi ano mmiako mmiako no.

45Na Israelfo mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛ wɔn mpanyimfi te, wɔn a wɔadi mfe aduonu ne akyiri, Israel mu ɔbarima biara a obetumi akɔ ɔsa,

46Deut 2.32; Eks 12.37 nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa si ɔpehansia ne abiɛsa ne ahanum aduonum.

47Na Lewi mma de, sɛ wɔn agyanom abusuakuw te no, wɔankan wɔn amfra wɔn.

Lewifo no ahyɛde

48Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

49Deut 2.33; 3.15 Lewi abusuakuw no nko de, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodow ano mfra Israelfo,

50Num 4.3, 23-38 na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanse tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ade biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nneɛma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔmmɔ wɔn nsra nhyia.

51Num 3.10, 38 Sɛ tenabea no retu a, Lewifo no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifo no na wonsi; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no.

52Na Israelfo no mmobɔ nsra wɔn ara nsra mu ne wɔn afrankaa ho sɛ wɔn dɔm horow no te mmiako mmiako.

53Na Lewifo no de, wɔmmɔ adanse tenabea no ho nsra nhyia, na AWURADE abufuw amma Israelfo asafo no so; na Lewifo no nkura adanse tenabea no sohwɛ mu.

54Na Israelfo no yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help