Sirak 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Nea osuro AWURADE bɛyɛ eyi,

na nea odi mmara so no, bɛfa mu nyansa.

2Ɔbɛba abehyia no, sɛ ɛna,

na wayɛ no atuu sɛnea ayeforo kunu yɛ ne yere no.

3Ɔde adesua bɛnyɛn no sɛ aduan

na wama no nyansa nsu anom.

4Obetweri no na wanhwe ase

na ɔde ne werɛ bɛhyɛ no mu

na n’anim angu ase.

5Ɔbɛma no so asen ne mfɛfo,

na obebue n’ano wɔ nhyiam ase.

6Obenya anigye ne nkonim abotri;

na obenya din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

7Ɔkwasea nsa renka no

na nnebɔneyɛfo renhu no.

8Ɔne ahantafo ntam ware,

na atorofo rennwen ne ho.

9Ayeyi dwom nni ɔdebɔneyɛni ano,

efisɛ emfii AWURADE hɔ mmaa ne nkyɛn ɛ.

10Nyansa mu na ɛsɛ sɛ wɔto ayeyi dwom,

na AWURADE bɛma akɔ so yiye.

Adepaw mu ahofadi

1111 Sir 17.1-12 Nka da sɛ, AWURADE nti na mifii kwan pa no so;

efisɛ AWURADE renyɛ ade a n'ankasa kyi.

12Nka da sɛ ɔno na ɔmaa meyeraa kwan;

efisɛ ɔdebɔneyɛni ho nhia no.

13AWURADE kyi bɔne nyinaa,

na wɔn a wosuro no no nso mpɛ saa nneɛma no.

14Ɔno na mfiase no ɔbɔɔ onipa,

na ɔmaa no kwan sɛ ɔnyɛ nea ɔno ara pɛ.

15Sɛ wopɛ a, wobetumi adi mmara nsɛm no so;

na woapaw nokwaredi wɔ w'abrabɔ mu.

16Ɔde ogya ne nsu asi w’anim

twe wo nsa fa nea wopɛ.

17Nkwa ne owu wɔ onipa biara anim,

na emu biara a ɔpɛ no, onya.

18AWURADE nyansa dɔɔso,

na ne tumi yɛ kɛse

na ohu mmaa nyinaa.

19N’ani wɔ wɔn a wosuro no so,

na onim onipa nneyɛe nyinaa.

20Ɔnhyɛɛ obiara sɛ onni asɛmmɔne

na ɔmmaa obiara kwan sɛ ɔnyɛ bɔne.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help