Lewitikɔs 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmarima ahosen fi

1Na AURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2Deut 5.2 Monkasa nkyerɛ Israelfo no nse wɔn sɛ, ɔbarima biara sɛ ne ho sen gu a, n'ahosen no nti ne ho ntew.

3Na nea egu ne ho fi n'ahosen no mu ni: Sɛ n'ahosen fi ne honam anaasɛ n'ahosen ma ne honam ano siw a, ɛyɛ ne ho figu.

4Nnae biara a nea ne ho sen no bɛda so no ho ntew, na ade biara a ɔbɛtena so no ho ntew.

5Na nea ɔka ne nnae no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere;

6na nea ɔtena ade a nea ne ho sen no tenaa so no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere.

7Na nea ɔka nea ne ho sen no honam no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare na ne ho ntew kosi anwummere;

8na sɛ nea ne ho sen no fe ntasu gu nea ne ho tew so a, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere.

9Na aboa so agua biara a ɔhosenfo no bɛtena so no ho ntew; na obiara a ɔka biribiara a ɛwɔ ɔhosenfo no ase no ho ntew kosi anwummere.

10Na nea ɔsoa saa ade no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere.

11Na obiara a ɔhosenfo no amfa nsu anhohoro ne nsa na ɔbɛka no no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere.

12Lew 11.33 Na kuku a ɔhosenfo no bɛka no, wɔmmɔ, na dua ade biara de, wɔmfa nsu nhohoro ho.

13Na sɛ ɔhosenfo no ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn ngu n'ahofi so, na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa mmasu nguare ne honam, na ne ho atew.

14Lew 5.7 Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfo no.

15Na ɔsɔfo no mfa biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no AWURADE anim mfi n'ahosen no mu.

16 Lew 22.4 Na sɛ ɔbarima bi ahoboa fi no mu a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa, na ne ho ntew kosi anwummere.

17Na ntama biara anaa nhoma biara a ahoboa begu mu no, wɔmfa nsu nhoro, na ɛho ntew kosi anwummere.

18Na sɛ ɔbarima ne ɔbea da na ahoboa gu no a, wɔmfa nsu nguare na wɔn ho ntew kosi anwummere.

Mmea ahosen fi

19 Lew 18.19 Na ɔbea sɛ, ne ho sen na mogya fi ne honam mu gu a, ɔntena n'asabu mu nnansɔn, na obiara a ɔka no no ho ntew kosi anwummere.

20Na ade biara a ɔda so n'asabu mu no ho ntew, na ade biara a ɔtena so no ho ntew.

21Na obiara a ɔka ne nnae no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere;

22na obiara a ɔka ade biara a watena so no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare na ne ho ntew kosi anwummere;

23na sɛ biribi wɔ nnae no so anaasɛ ade a watena so no so a, obi ka a, ne ho ntew kosi anwummere.

24Na sɛ ɔbarima ne no da, na n'asabu ade no bi ka ne ho a, ne ho ntew nnansɔn, na ne nnae a ɔda so no nyinaa ho ntew.

25Na ɔbea, sɛ ne ho sen mogya gu nna pii, na ɛnyɛ n'asabu bere, anaasɛ ne ho sen tra n'asabu nna no a, ɛnne n'ahosen a ɛho ntew nna no nyinaa ne ho ntew te sɛ n'asabu nna mu.

26Ne nnae a ɔda so biara n'ahosen nna nyinaa mu nyɛ no sɛ n'asabu nnae, na ade biara a ɔtena so no ho ntew sɛ n'asabu mu de no.

27Na obiara a ɔde ne nsa ka nneɛma no ho ntew, na ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, ne ho ntew kosi anwummere.

28Na sɛ ne ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn mfa, na ɛno akyi no ne ho atew.

29Lew 15.14 Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo, ahyiae ntamadan no ano.

30Na ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na biako no ɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim, mfi n'ahosen a ɛho ntew no mu.

31Na momma Israelfo no nyi wɔn ho mfi wɔn fi mu, na wɔanwuwu wɔn fi mu sɛ wɔrekogu me tenabea a ɛwɔ wɔn mu no ho fi.

32Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma nea ne ho sen ne nea ne ho nsu fi no mu gu ne ho fi,

33ne ɔbea a ne ho nyɛ no den n'asabu mu, ne nea ne ho sen, ɔbarima oo, ɔbea oo, ne ɔbarima a ɔne ɔbea a ne ho ntew bɛda.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help