Mmebusɛm 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nyansa ho afotu

1Mma, muntie agya nteɛso,

na monyɛ aso na moanya nhumu.

2Na adenim pa na mekyerɛ mo,

munnnyaw me mmara.

3Na bere a meyɛ abadomaa,

ɔba banin ne ɔba koro

ma me na ne m’agya no

4 Lew 18.5 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se:

Ma wo koma nso me nsɛm mu,

di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

5Nya nyansa, nya nhumu,

mma wo werɛ mmfi,

na mman mfi m’anom kasa ho.

6Nnyaw no, na ɛbɛhwɛ wo so,

dɔ no, na ɛbɛkora wo.

7Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa,

na fa w’adenya nyinaa nya nhumu.

8Bu no, na ɛbɛma wo so;

sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

9 Mmb 1.9 Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri,

abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo.

10 Mmb 3.2 Me ba, tie, na fa me nsɛm,

na wo nkwa mfe adɔɔso.

11 Nnw 32.8; 27.11 Makyerɛ wo nyansa kwan,

magya wo atempɔn tee so.

12Wo nantew mu w’anammɔn renkyere wo,

na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13So nteɛso mu dennen, nnyaa mu,

kora no, na ɛne wo nkwa.

14 Mmb 1.10; Nnw 1.1 Nkɔ abɔnefo kwan mu,

na mfa nnipa bɔne kwan so.

15Kwati no, nsen mfa so,

man fi ho, na twa ho kɔ.

16Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa,

na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;

17na wodi abɔnefosɛm aduan,

na amimdi nsa na wɔnom.

18Na treneefo kwan te sɛ owia hann,

ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.

19 Mmb 13.9; 24.20 Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii,

wonnim nea wohintiw.

20Me ba, tie me nsɛm,

wɛn w’aso ma me kasa.

21Mma emmfi w’ani so,

fa sie wo komam tɔnn.

22 Mmb 3.8, 13-16 Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu,

ne akwahosan ma ne honam nyinaa.

23Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa,

na emu na nneyɛe nyinaa fi.

24Yi ano kɔntɔnkye fi wo ho,

na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri.

25Ma w’ani nhwɛ tee,

na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim.

26 Heb 12.13 Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ,

na ma w’akwan nyinaa ntim.

27 Deut 5.32 Mman nifa anaa benkum,

twe wo nan fi bɔne mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help